Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 20:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɔnkae w’aduan afɔre nyinaa, na wo hyew afɔre nsɔ n’ani. Sela

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa, na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa, na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa, na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔnkae w’aduan afɔre nyinaa, na wo hyew afɔre nsɔ n’ani. Sela

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 20:3
11 Referencias Cruzadas  

Ɛno na wobɛpɛ trenee afɔre, ɔhyew afɔre ne afɔre mu, ɛno na wɔde anantwinini bɛkɔ w’afɔremuka so.


Na ɔhwɛɛ no dinn, na osuroe. Na ose: Ɛyɛ dɛn, Awura? Na osee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim.


Na Solomon wiee mpaebɔ no, ogya fi soro bɛhyew ɔhyew afɔre ne okum afɔre no, na AWURADE anuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.


Na Habel nso de ne nguan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔ no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n'ayɛyɛde no,


mo nso momma wɔmfa mo sɛ abo a nkwa wom nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuw kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔre a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Onyankopɔn ani.


na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.


Wɔbɛboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wɔde anisɔ bɛforo m’afɔremuka, na mɛhyehyɛ m’anuonyam fi no.


Na Dawid sii hɔ afɔremuka maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya fii soro gyee no so ɔhyew afɔremuka no so.


Na ogya fii AWURADE anim bɛhyew afɔremuka no so ɔhyew afɔre ne srade no. Na ɔman no nyinaa hui, na wɔde anigye huroe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.


AWURADE mfi Sion nhyira wo, na hu Yerusalem yiyedi wo nkwa nna nyinaa,


AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no mfi Sion nhyira wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios