Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu, na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu aka sɛ;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu, na ɔde n’abufuhyeɛ bɛyi wɔn hu aka sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuw mu, hunahuna wɔn wɔ nʼabufuwhyew mu, ka se,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu, na ɔde n’abufuhyeɛ bɛyi wɔn hu aka sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo mu hunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu, na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu aka sɛ;

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 2:5
15 Referencias Cruzadas  

Eyi ne me ho asɛmpɛfo akatua a efi AWURADE nsam, ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no de.


Wubeyi wo ho adi ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo, AWURADE de n’abufuw bɛmene wɔn, na ogya ahyew wɔn.


na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; na ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anom honhom akum ɔbɔnefo;


Na AWURADE abohuru bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyew aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum.


Muntie oo, dede kɛse bi fi kurow no mu! Ɛnne bi fi asɔrefi! AWURADE a otua n’atamfo nsɛnnii so ka no nne!


na abohuru kɛse na me bo huru hyɛ amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, efisɛ me de, me bo hurui kakraa bi, na wɔn de, wɔboae ma ɛdan bɔne.


Na ɔhene no tee no, ne bo fuwii, na ɔsomaa ne dɔm kokunkum awudifo no, na ɔhyew wɔn kurow.


Na m’atamfo a wɔmpɛ sɛ midi wɔn so hene de, momfa wɔn mmra ha, na mummekum wɔn m’anim!


na okura nsoromma ason ne nifa mu, na afoa anofanu nnamnam fi n’ano; na n’anim te sɛ owia hyerɛn n’ahoɔden mu.


Na afoa nnamnam bi fi n’anom a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn. Na ɔno na otiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyi-amoa no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios