Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 16:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Mise AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo, minni papa biara nka wo ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Mese AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo, menni papa biara nka wo ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Meka kyerɛɛ Awurade se, “MʼAwurade ne wo; minni ade pa biara ka wo ho.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Mese AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo, menni papa biara nka wo ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Meka kyerɛɛ Awurade sɛ, “MʼAwurade ne wo; menni adepa biara ka wo ho.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Mise AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo, minni papa biara nka wo ho.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 16:2
15 Referencias Cruzadas  

Hena na mewɔ no ɔsoro? Na sɛ wowɔ me a, menhwehwɛ asase so hwee.


Bese AWURADE sɛ: Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so.


Ɔno de, ɔbɛfrɛ me sɛ: Wone m’agya, me Nyankopɔn ne me nkwagye botan!


Na me de, wo, AWURADE, so na mede me ho mato. Mise: Wone me Nyankopɔn.


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim nti, me koma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.


AWURADE, yɛn Nyankopɔn, awuranom a ɛnyɛ wo abedi yɛn so, nanso wo nko na yɛkamfo wo din.


Anaasɛ hena na ɔmaa no biribi kan, na watua no so ka?


Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!


Ao! AWURADE, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so! Wo a wode w’anuonyam akata ɔsoro,


Saa ara na mo nso sɛ moyɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.


Oyi bese sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛkyerɛw ne nsa ho sɛ ɔyɛ AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios