Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 15:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɔmfa ne tɛkrɛma nni nseku, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfo ahohora.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɔmfa ne tɛkyerɛma nni nsekuro, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfoɔ ahohora.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔmfa ne tɛkyerɛma nni nsekuro, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfoɔ ahohora.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa deɛ ɔnnyɛ ne yɔnko bɔne na ɔmmu ne yɔnko onipa abomfiaa,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔmfa ne tɛkrɛma nni nseku, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfo ahohora.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 15:3
16 Referencias Cruzadas  

Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara so di.


Anuanom, munnnidi mo ho nseku! Nea odi onua ho nseku na obu ne nua atɛn no, odi mmara ho nseku na obu mmara atɛn. Na sɛ wubu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfo, na mmom woyɛ ne temmufo.


Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi ne mmara ne adiyifo no.


Nkyin wo nkurɔfo mu nni nseku; nsɔre nhyɛ wo yɔnko mogya: Mene AWURADE.


Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Nyankopɔn mu, na nea ɔyɛ bɔne no nhuu Nyankopɔn.


nsekubɔfo, Onyame atamfo, anuɔdenfo, ahantanfo, ahohoahoafo, nnebɔne farebaefo, awofo asɛm ho asoɔdenfo,


Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ eyi, ne onipa ba a okura mu no, nea odi homeda a ongu ho fi na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no.


Ɔsoro ware a ɛware, ne asase mu dɔ a ɛdɔ, ne ahene komam nni hwehwɛbea.


Pam fɛwdifo na atutuw befi adi, na akasakasa ne nsopa to atwa.


wonnni obiara ho nseku, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wonya abodwokyɛre, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.


Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim!


Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ mikura wo batakari ano. Na sɛ matwa wo batakari ano na mankum wo yi, hu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, nso wo de, worepɛ me akum me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios