Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 146:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ne honhom firi kɔ, ɔsane kɔ ne dɔteɛ mu, da no ara ne tirim a ɔbɔeɛ yera.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsan kɔ dɔte mu, saa da no ara wɔn nsusuwii nyinaa yɛ ɔkwa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Ne honhom firi kɔ, ɔsane kɔ ne dɔteɛ mu, da no ara ne tirim a ɔbɔeɛ yera.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu, saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 146:4
17 Referencias Cruzadas  

na dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.


Wuhintaw w’ani, na wɔpatuw wu, wuyi wɔn ahome, na wogyaa mu, na wɔsan kɔ wɔn mfutuma mu.


Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.


W'anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.


Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu, na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi de, na ɛnyɛ wiase atumfo a wobeyi wɔn hɔ no de,


AWURADE ma amanaman agyina dan hunu, ɔma aman adwene yɛ ɔkwa.


na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Onyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi,


Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimbɔ mu, me koma ade a ɛpɛ no mu.


ne mma nya anuonyam mpo a, onnim, na sɛ wɔbrɛ wɔn ase nso a, onhu mma wɔn.


na woama wo ho so ahyɛ ɔsoro wura, na wɔde ne fi nnwinne aba w’anim, na wo ne w’aberɛmpɔn, wo yerenom ne wo mpenafo anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere, dade, dua ne abo anyame a wonhu na wɔnte na wonnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no de, woanni no ni.


Yɛn hwene mu ahome, nea AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amoa mu, ɔno a yɛkae sɛ: Ne nwini ase na yebenya nkwa, amanaman no mu.


Montwe mo ho mfi onipa a ahome wɔ ne hwenem no ho, na wobu no dɛn koraa?


Woma ɔdesani dan mfutuma, na wuse: Onipa mma, monsan mmra mo dɔte mu.


M’ahome asa, me nna ahi, damoa na ɛwɔ hɔ ma me.


na onipa de, owu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?


Na hwɛ, mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe abɔde a nkwa home wɔ mu nyinaa ɔsoro ase; asase so ade nyinaa rebewuwu.


Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw, na wonni nea wɔyɛ owia ase nyinaa mu kyɛfa bi bio da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios