Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 13:4 - KYERƐW KRONKRON

4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mihim a, m’ahohiahiafo anni ahurusi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mehinhim a, m’ahohiahiafoɔ anni ahurisie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mehinhim a, m’ahohiahiafoɔ anni ahurisie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mihim a, m’ahohiahiafo anni ahurusi.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 13:4
17 Referencias Cruzadas  

Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho meto, mma m’ani nnwu, mma m’atamfo ho nnsɛpɛw wɔn, me nti.


Na wɔne wo bedi ako, nanso wɔrentumi wo, efisɛ midi w’akyi, na megye wo, AWURADE asɛm ni.


Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim, na treneefo ntini renhim.


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagye, m’abankɛse, merenhim.


Na mise: Mma wɔn ani nnnye me ho, na sɛ me nan watiriw a, wɔanhoahoa wɔn ho wɔ me so.


Na Kanaanfo ne asase yi sofo nyinaa bɛte, na wɔabetwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afi asase so: Na ɛdɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛse no?


Eyinom nti na misu; m’aniwam kyi nusu; na me werɛkyekyefo a obedwudwo me kra ne me ntam ware; me mma ayɛ pasaa, efisɛ ɔtamfo no adi nim.


Na ɔrenhim da biara da, ɔtreneeni bɛyɛ daa nkae.


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagye, m’abankɛse, merenhim bebree bi.


Dan w’adesoa to AWURADE so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.


Mma wɔnnka wɔn komam sɛ: Wiɛ, nea yɛpɛ ni! Mma wɔnnka sɛ: Yɛamene no.


Mma m’atamfo atorofo no ani nnnye me ho, mma wɔn a wɔtan me kwa no mmmu me anikyiw!


Ose ne komam sɛ: Onyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahintaw, ɔrenhu ara da.


AWURADE, sɔre, mma ɔdesani nnni nim, ma wommu amanaman atɛn, w’anim.


Na afei mprempren nko na wɔayi AWURADE yɛn Nyankopɔn hɔ dom akyerɛ yɛn ma wɔagyaw yɛn nkae a wɔafi mu, na wɔama yɛn bofunnua wɔ ne kronkronbea nso, sɛ yɛn Nyankopɔn bɛtew yɛn anim na wama yɛanya nkwa kakra, yɛn nkoayɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios