Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 13:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, tew m’ani, na manna owu nna,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, te m’ani, na manna owuo nna,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, te m’ani, na manna owuo nna,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, tew m’ani, na manna owu nna,

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 13:3
15 Referencias Cruzadas  

Na afei mprempren nko na wɔayi AWURADE yɛn Nyankopɔn hɔ dom akyerɛ yɛn ma wɔagyaw yɛn nkae a wɔafi mu, na wɔama yɛn bofunnua wɔ ne kronkronbea nso, sɛ yɛn Nyankopɔn bɛtew yɛn anim na wama yɛanya nkwa kakra, yɛn nkoayɛ mu.


Na wo na woma me kanea dɛw, AWURADE me Nyankopɔn, hyerɛn me sum mu.


Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hyew a, mɛtow wɔn nsapon, na mama wɔabobow na wɔn ho asɛpɛw wɔn, na wɔada daa nna, na wɔannyan, AWURADE asɛm ni.


AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm, hwɛ m’apinisi a mikuram.


Na Yonatan kae sɛ: M’agya ahaw asase yi. Monhwɛ sɛ mekaa ɛwo yi kakra mehwɛe yi, m’ani so atetew me;


Nso Yonatan de, n’agya reka ɔman no ntam no, wante; na ɔde poma a okurae no ano kaa ɛwo no bi, na ɔde ne nsa kɔɔ n’ano, na n’ani so tetew no.


Enti na ose: Wo a woada, nyan, na sɔre fi awufo mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.


AWURADE, kae nea aba yɛn so, hwɛ na hu yɛn ahohora!


Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafo ne n’amradofo ne ne man mpanyimfo ne ne nnɔmmarima abobow, na wɔadeda daa nna a wɔrennyan, ɔhene a ne din de asafo AWURADE no asɛm ni.


Hwɛ m’amanehunu, na yi me, na me werɛ mfi wo mmara.


Medi ahurusi, na m’ani agye w’adɔe ho, sɛ woahwɛ m’amanehunu, na woahu me kra ahohia.


Hwɛ sɛ m’atamfo dɔɔso, na wɔde atirimɔden tan me.


AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amane a efi m’atamfo, wo a woma me so fi owu abobow ano,


Na enhia sɛ owia anaa ɔsram bɛpae wɔ kurow no mu, efisɛ Onyankopɔn anuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Oguammaa no.


ɔkanea a ɛbɛma amanaman so atew na ɛbɛhyɛ wo man Israel anuonyam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios