Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 12:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 12:2
25 Referencias Cruzadas  

Sebulon mu nnipa ɔpeduonum a wonim akodi yiye a wɔde akode nyinaa amia ama ɔsakɔ sɛ wɔde koma a ɛnyɛ ntanta rebɛboa Dawid.


Nnome, nkontomposɛm ne amimdi ahyɛ n’anom ma, na ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.


Mekae m’abotu mu sɛ: Nnipa nyinaa yɛ atorofo.


Huam me na yi me fi ananafo mma a wɔn ano ka nsɛnhuhuw na wɔn nifa yɛ atoro nifa nsam.


Wɔn na wɔn ano ka nsɛnhuhuw, na wɔn nifa yɛ atoro nifa.


Nyi me afrɛ so mfra abɔnefo ne abusuyɛfo a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoe so, na wɔn komam de, bɔne wɔ mu.


Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me afiri, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛe ho asɛm, na wodwen nnaadaasɛm da mu nyinaa.


Na sɛ ɔba bɛhwɛ me a, ɔka atosɛm, ne koma tase nsɛnhunu fa, ofi adi kɔkeka.


Na wɔn anom nni nokwasɛm bi, ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma, wɔn menewa yɛ ɔda a abue, na wɔde wɔn tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.


N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta, nanso ɔko wɔ ne komam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo, nanso ɛyɛ mfoa a wɔatwe.


Wɔn anom nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko, enti ma wɔnkyere wɔn, wɔn ahantan mu, ne nsew ne atoro a wodi no nti.


Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wobetu no so. Wɔpɛ atorodi, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu de, wɔhyɛ nsew. Sela


Nea okyin di nseku no yi ahintasɛm adi, na mfa wo ho mmɔ okurokurofo ho.


Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeyɛ, na onipa ɔnokwafo de, hena na obehu no?


Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, osum n’anammɔn afiri.


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔman a wontie AWURADE wɔn Nyankopɔn na wontie nteɛso no; nokware asa, na atu afi wɔn anom.


Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ekum nipa, nnaadaasɛm na ɛka; wɔde wɔn ano ka asomdwoesɛm kyerɛ ɔyɔnko, na wɔn mu de, wɔtetɛw no.


Na adehu hunu biara ne atoro nkɔmhyɛ bi rentena Israel fi bio.


Nnipa pa ayera afi asase so; teefo nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛw mogya, wosunsum wɔn nuanom afiri.


Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Yesu Kristo, na mmom wɔsom wɔn ankasa yafunu, na wɔde tɛkrɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wonnim bɔne no koma.


Na sɛnea munim no, Onyankopɔn ne dansefo, yɛanka adɛfɛdɛfɛsɛm da, nso yɛamfa nsɛm anyɛ anibere nkataso,


Onipa a n'adwene ntanta no yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios