Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 118:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Mifi ahohia mu mefrɛɛ AWURADE na AWURADE gyee me so, nea ɛhɔ trɛw.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE, na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade; ogyee me so, na ɔma me dee me ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE, na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade; ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Mifi ahohia mu mefrɛɛ AWURADE na AWURADE gyee me so, nea ɛhɔ trɛw.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 118:5
15 Referencias Cruzadas  

Na oyii me kogyinaa nea ɛhɔ trɛw, ogyee me, efisɛ mesɔɔ n’ani.


M’ahoyeraw mu misu mefrɛɛ AWURADE, Nyankopɔn na meteɛɛm mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefi, na me su a misui n’anim no koduu n’asom.


AWURADE na m’ahohia mu misu mefrɛɛ no, na otiee me.


Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu.


Na woanyi me anhyɛ ɔtamfo nsa, wode m’anan agyina nea ɛtrɛw.


Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu.


M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam ateɛ anadwo nyinaa, na ɛmpa abaw, me kra kame awerɛkyekye.


Ɛnna Yakob suroe sɛ, na ne ho hiaa no; na ɔkyɛɛ nkurɔfo a wɔwɔ ne nkyɛn, ne nguan, anantwi ne yoma no mu akuw abien kae sɛ:


AWURADE tuaa me ka sɛ me trenee te, sɛ me nsa ho si tew no na otuaa me ho ka maa me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios