Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 11:4 - KYERƐW KRONKRON

4 AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahengua so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahennwa so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 11:4
28 Referencias Cruzadas  

AWURADE de n’agua asi soro, na n’ahenni di ade nyinaa so.


M’ahoyeraw mu misu mefrɛɛ AWURADE, Nyankopɔn na meteɛɛm mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefi, na me su a misui n’anim no koduu n’asom.


Nea ɔte soro no serew, AWURADE di wɔn ho fɛw.


Na AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu; ma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Sɛ AWURADE se ni: Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso, ɔdan bɛn na mubesi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


Sɛ obi de ne ho hintaw hintabea bi a, so merenhu no anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mehyɛ no mama anaa? AWURADE asɛm ni.


AWURADE fi soro hwɛ, ohu nnipa mma nyinaa.


Na ntɛm ara na mewɔ honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahengua asi soro, na obi te ahengua no so.


Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.


Nea ɔsɔre na ɔma ne ho so tia nea wɔfrɛ no Nyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Onyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔne Nyankopɔn.


Na nea ɔde asɔredan ka ntam no, ɔde ɛno ne nea ɔte mu no na ɛka.


Na me de, mise mo sɛ: Monnka ntam koraa! Monnka ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua.


Nea ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefo mmma wɔn ho so. Sela


Na AWURADE de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho no. Eyi mu woadi nkwaseasɛm, na efi sesɛɛ yi akodi bɛda wo hɔ.


Na mentenaa ɔdan mu pɛn fi da a mikoyii Israel mebae no de abedu nnɛ da yi, na mmom mifi ntamadan mu mekɔ ntamadan mu, na mifi tenabea mekɔ tenabea.


Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahengua, na asase yɛ m’anan ntiaso; ɔdan bɛn na mubesi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea?


AWURADE aniwa wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo.


Ma akra nyinaa nyɛ komm, Awurade anim, efisɛ wasɔre afi ne tenabea kronkron hɔ.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.


ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na onim komam ahintasɛm.


Monto ayeyi dwom mma AWURADE a ɔte Sion, monka ne nneyɛe nkyerɛ, aman mu,


Aman nyinaa, muntie! Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso! Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo, AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu.


Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.


AWURADE fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.


Hena na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn a ne tenabea wɔ soro,


Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios