Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 11:1 - KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE na miguan metoa no, adɛn na muse me kra sɛ: Guan sɛ anomaa kɔ mmepɔw so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE na miguan metoa no, adɛn na muse me kra sɛ: Guan sɛ anomaa kɔ mmepɔw so.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 11:1
21 Referencias Cruzadas  

Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, nnipa betumi ayɛ me dɛn?


Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho meto, mma m’ani nnwu, mma m’atamfo ho nnsɛpɛw wɔn, me nti.


Na Dawid kɔtenaa sare so bepɔw so atenae horow no mu; na ɔtenaa bepɔw bi so Sif sare so. Na Saul hwehwɛɛ no da biara; nanso Onyankopɔn amfa no anhyɛ ne nsa.


Ɛdɔn no ara mu na Farisifo bi bae besee no sɛ: Fi ha kɔ! Na Herode pɛ wo akum wo.


yi wo ho sɛ adowa fi ne nsam, sɛ anomaa fi ofirisumfo nsam.


Onyankopɔn, fa me sie, na wo na miguan metoa wo.


So Etiopiafo ne Libiafo no anyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodow ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mu? Na sɛ wutwerii AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.


Na me de, wo, AWURADE, so na mede me ho mato. Mise: Wone me Nyankopɔn.


Na wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ woannyaw wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.


AWURADE, me Nyankopɔn, wo na miguan metoa wo. Gye me m’atiwfo nyinaa nsam, na yi me!


Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ ade bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wonni tumi: Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yetweri wo, na wo din mu na yɛnam kɔ nnipa kuw yi so. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdesani nnnya wo so ahoɔden.


Na Yonatan bɔn abofra no sɛ: Yɛ ntɛm, ka wo ho, nnyina. Na Yonatan abofra no tasee agyan no de brɛɛ ne wura.


Na Dawid kae ne koma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi Saul nsa na ebekum me; biribiara nye mma me sɛ meguan makɔ Filistifo asase so, na Saul agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafi ne nsa.


Na Dawid fii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.


Ɛnna Saul somaa abɔfo kɔɔ Dawid fi sɛ wɔnkɔwɛn no na wonkum no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wobekum wo.


Na mise: So ɔbarima a ɔte sɛ me beguan? Na hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.


Na wɔansunsuan me kra sɛ gyata antetew me a ogyefo bi nni hɔ.


Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima ne akofofo a wɔfata ɔko?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios