Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 102:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Tete bemee na wohyɛɛ asase ase, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Tete bemee na wohyɛɛ asase ase, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 102:25
12 Referencias Cruzadas  

Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na wowiee ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.


Wo de, wonnya nwoo mmepɔw na wunnya nyii asase ne wiase adi no, na wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.


Nanso wo, AWURADE, wokrɔn daa, Na hwɛ w’atamfo no, Ao! AWURADE, W’atamfo no de wɔbɛyera


na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw, na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro.


Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwowɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛto so ason no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.


Me de, mekae sɛ: Me nna mfinimfini na merekɔ asaman abobow ano, wɔregye me nsam me mfe nkae.


Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛse ne wo basa a ateɛ ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo yɛna;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios