Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 101:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Nea ohintaw twiri ne yɔnko no, ɔno na metwa no; ahantan ani ne koma a ɛhoran merempene no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no, ɔno na mɛtwa no; ahantan ani ne akoma a ɛhoran merempene no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no, ɔno na mɛsɛe; nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma, ɔno na merennyigye no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no, ɔno na mɛtwa no; ahantan ani ne akoma a ɛhoran merempene no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no, ɔno na mɛsɛe; deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma, ɔno na merennyegye ne so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Nea ohintaw twiri ne yɔnko no, ɔno na metwa no; ahantan ani ne koma a ɛhoran merempene no.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 101:5
25 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.


Ɔmfa ne tɛkrɛma nni nseku, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfo ahohora.


Na wo na wugye ahobrɛasefo, na wobrɛ ahantanfo ase.


Wotena ase ka wo nua ho nsɛm, wo na ba mpo, wosopa no.


Nni wo yɔnko ho adansekurum.


Ntie atesɛm hunu. Wo ne ɔbɔnefo nnni nsawɔso sɛ wubedi nkontompo adanse.


Nea ɔkata nitan so no wɔ atoro ano, na nea otwiri obi no yɛ ɔkwasea.


Nea okyin di nseku no yi ahintasɛm adi, na mfa wo ho mmɔ okurokurofo ho.


Ani a ɛtra ntɔn ne koma a ɛhoran, abɔnefo kanea, ɛyɛ bɔne.


Atifi fam mframa wo osu, na ntwiri tɛkrɛma wo abufunim.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn, na wɔamoma wɔn anisuatɛtɛw so!


Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Nkontompo wɔ wo mu, sɛ wobehwie mogya agu, na mmepɔw so na wodidi wo mu, na ahohorade na wɔyɛ, wo mfinimfini.


Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.


Nkyin wo nkurɔfo mu nni nseku; nsɔre nhyɛ wo yɔnko mogya: Mene AWURADE.


Mise mo sɛ: Oyi de bem kɔɔ ne fi mmom sen obiako no; na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Na afei makyerɛw mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ oguamammɔfo anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ntɔkwapɛfo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.


Mmea no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekufo, wɔn ani so nna hɔ, wonni ade nyinaa mu nokware.


Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛnea ɛfata nnipa kronkron, wonni nseku, wɔnnyɛ asadweam; wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa,


Monnkasa ahantan kasa bebree sa, mommma ahomaso kasa mmfi mo anom, na AWURADE ne Nyankopɔn a ohu ade nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios