Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Efisɛ Awurade kyerɛ ɔtreneeni kwan nanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 1:6
17 Referencias Cruzadas  

Na onim kwan a mefa so. Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika mmapa a afa ogya mu.


Ɔbɔnefo behu ma ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwow; abɔnefo ade a wɔpɛ bɛyera.


Me honhom tɔ beraw me mu a, wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no so na wosum me afiri.


Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, guankɔbea abɔ me, obi nhwɛ me kra kyea.


AWURADE kora ahɔho so, ogyina nyisaa ne akunafo akyi, na abɔnefo kwan de, ɔdan ani.


Atamfo awie sa, wɔadan daa amamfo, na wɔn nkurow ase ahyew, wɔn nkae ayera.


Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.


Ɔbɔnefo kwan yɛ AWURADE akyide, na trenee akyidifo na ɔdɔ no.


AWURADE ye, ɔyɛ guankɔbea hia da mu, na onim wɔn a woguan kɔdan no.


Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii.


Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de, na me de nso nim me,


Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi;


Nanso Onyankopɔn nnyinaso tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de; Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.


Na eyinom de, wɔte sɛ mmoa a wonni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nsɛe wɔn. Wɔka nea wonnim ho nsɛmmɔne, wɔbɛsɛe wɔn ankasa sɛe mu,


Ɔbɛhwɛ n’ahotefo anan so, na atirimmɔdenfo bɛyera esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bedi nim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios