Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Na wogyigyee nkurow a ɛyɛ den ne asase a adɔ srade, na wonyaa afi a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔree, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wodi bebree. Na wodii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛse, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛse no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na wɔgyegyee nkuro a ɛyɛ den ne asase a adɔ sradeɛ, na wɔnyaa afie a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔreeɛ, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wɔdie bebree. Na wɔdii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛseɛ, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛseɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Yɛn agyanom faa nkurow a wɔabɔ ho ban ne nsasebere no. Wɔfaa afi a nnepa wɔ mu ne asuten a wɔatutu dedaw no ne bobeturo ne ngofuw ne nnuabafuw no bebree. Enti wodidii ara kosii sɛ wɔdodɔ yɛɛ akɛse, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na wɔgyegyee nkuro a ɛyɛ den ne asase a adɔ sradeɛ, na wɔnyaa afie a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔreeɛ, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wɔdie bebree. Na wɔdii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛseɛ, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛseɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Yɛn agyanom faa nkuro a wɔabɔ ho ban ne nsase bereɛ no. Wɔfaa afie a nnepa wɔ mu ne nsuseneeɛ a wɔatutu dada no ne bobefuo ne ngofuo ne nnuabafuo no bebree. Enti, wɔdidiiɛ ara kɔsii sɛ wɔdodɔreeɛ, yɛɛ akɛseɛ, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na wogyigyee nkurow a ɛyɛ den ne asase a adɔ srade, na wonyaa afi a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔree, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wodi bebree. Na wodii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛse, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛse no mu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:25
25 Referencias Cruzadas  

na woayɛ bɔne asen wɔn a wodii w’anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforo ne ahoni a wɔagu sɛ wode rehuru me bo, na woatow me akyene w’akyi nti,


Da a ɛto so awotwe no, ogyaa ɔman no kwan ma wɔkɔe; na wohyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel no nyinaa ho anigye ne koma pa sii mu kokɔɔ wɔn afi mu.


Nanso wɔn ahenni mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ srade a wode maa wɔn no mu no, wɔansom wo, na wɔansan amfi wɔn nneyɛe bɔne no mu.


Na ɔde amanaman nsaase maa wɔn, na wodii nkurɔfo adwuma so ade,


Woabɔ w’ayamye afirihyia abotiri, na srade sosɔɔ w’akwan so.


na mammee mampa wo manka se: Hena ne AWURADE? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.


Ma ɔman yi koma mpirim, na wɔn aso nyɛ den, na ka wɔn ani fomfam, na wɔamfa wɔn aniwa anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn koma anhu mu, na wɔansakra, na wɔansa wɔn yare,


Mɛbɔ AWURADE adɔeyɛ din, AWURADE ayeyide no, sɛ ɛfata nea AWURADE ne yɛn adi no nyinaa, na maka Israel fi yiye pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛ n’ayamhyehye ne n’adɔeyɛde dodow no te no.


Na mede mo mebaa asasebere so, sɛ munni ɛso aba ne ɛso nnepa; nanso mobae no, na mubeguu m’asase ho fi, na mode m’agyapade yɛɛ akyide.


Na mɛma srade amee asɔfo no kra, na me man adi me nnepa ameemee, AWURADE asɛm ni.


na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


ɛda no na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn, sɛ merebeyi wɔn afi Misraim asase so mede wɔn makɔ asase a mepɛe memaa wɔn a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,


obefi mpaase aba asase no so nea ɛhɔ yɛ bɛtɛɛ, na wabɛyɛ nea n’agyanom ne ne nenanom nyɛe da, ɔbɛpete afow ade ne asade ne ahode ama wɔn, na ɔbɛbɔ ne tirim pɔw, aban a ɛyɛ den no ho akodu bere bi.


Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me.


Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.


Anaasɛ wotew n’ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho tua a, wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu?


Nkurow yi nyinaa, ɛho wɔ afasu atenten ne aponkɛse ne adaban ma ɛyɛ den, ɛsono asase pataa so nkurow a ɛdɔɔso bebree.


Ɔma ɔfaa asase sorɔnsorɔn so kɔe, na odii asase so nnɔbae; na ɔma ofew ɛwo fii ɔbotan mu, ne ngo fii abohemmaa mu,


anantwi nufusu ani srade, ne nguan nufusu, ne nguammuruwa srade, ne Basan adwennini ne mpapo de, ne awi asaabo mu srade, na wonom bobe aba mu mogya gyenennyenen.


Na Yesurun dɔɔ srade, na ɔtow anankoti; woadɔ srade ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios