Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 7:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanyimfo ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mihuu wɔn a wɔforo bae kan no ho mmusua nkanee nhoma, na mihui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me tirim mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mehunuu wɔn a wɔforo baa kane no ho mmusua nkaneeɛ nwoma, na mehunuu sɛ wɔatwerɛ mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni:

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me tirim mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mehunuu wɔn a wɔforo baa kane no ho mmusua nkaneeɛ nwoma, na mehunuu sɛ wɔatwerɛ mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanyimfo ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mihuu wɔn a wɔforo bae kan no ho mmusua nkanee nhoma, na mihui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 7:5
15 Referencias Cruzadas  

Eyinom hwehwɛɛ wɔn din wɔ mmusua nkyerɛwee no mu, na wɔanhu, na wobuu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti, woyii wɔn fii asɔfodi mu.


Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene koma mu, sɛ ɔnhyehyɛ AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no ho,


Me Nyankopɔn, kae ma me yiye so, nea ɔman yi nti meyɛe no nyinaa.


Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛ wɔn nnwuma yi te, ne odiyifobea Noadia nso ne adiyifo no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.


Na kurow no mu bae tɛtrɛɛ na ɛso, na nnipa a wɔwɔ mu no sua, na adan nso, wonsisii ɛ.


eyinom hwehwɛɛ wɔn mmusua nkyerɛwee, na wɔanhu. Na wobuu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti, woyii wɔn fii asɔfodi mu.


Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.


Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan,


na Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi, na n'adom a ɔde dom me no anyɛ ɔkwa, na mmom meyɛ adwuma bebree mesen wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no nti.


Ɛnyɛ sɛ yɛn ankasa fata sɛ yebesusuw ahu biribi sɛnea efi yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no fi Nyankopɔn mu.


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito koma mu.


Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na midi apere, sɛnea n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ me mu tumi so no te.


Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios