Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna Sanbalat somaa ne somfo baa me nkyɛn nea ɛto so anum, na nhoma a ano da hɔ kura ne nsam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna Sanbalat somaa ne somfoɔ maa no baa me nkyɛn deɛ ɛtɔ so nnum, na nwoma a ano da hɔ kura ne nsam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ne mpɛn anum so no, Sanbalat somfo bae no na okura krataa a wɔakyerɛw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna Sanbalat somaa ne somfoɔ maa no baa me nkyɛn deɛ ɛtɔ so nnum, na nwoma a ano da hɔ kura ne nsam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ne mpɛn enum so no, Sanbalat ɔsomfoɔ kura krataa a wɔatwerɛ baeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna Sanbalat somaa ne somfo baa me nkyɛn nea ɛto so anum, na nhoma a ano da hɔ kura ne nsam.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:5
7 Referencias Cruzadas  

Na wɔsoma baa me nkyɛn sɛɛ ara mpɛn anan, na mibuaa wɔn saa ara.


Wɔakyerɛw mu sɛ: Wɔkeka amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafo redwen atuatew, ɛno nti na woreto ɔfasu no yi, na wɔka nso sɛ worepɛ ɔhene adi.


na Satan anni yɛn amim; efisɛ yenim n’akwan.


Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛɛ adi asi,


ne nea ɛnteɛ nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔreyera no mu, esiane sɛ wɔannye nokware dɔ na wɔde agye wɔn nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios