Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na Yuda kae sɛ: Nnosoasoafo no ahoɔden so ahuan, na afabo no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto afasu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na Yuda kaa sɛ: Nnesoasoafoɔ no ahoɔden so ahwan, nkunkumaboɔ no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto ɔfasuo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no fii ase nwiinwii kae se, “Adwumayɛfo no rebrɛ, na afabo no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na Yuda kaa sɛ: Nnesoasoafoɔ no ahoɔden so ahwan, nkunkumaboɔ no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto ɔfasuo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no hyɛɛ aseɛ nwiinwiiɛ kaa sɛ, “Adwumayɛfoɔ no rebrɛ, na nkunkumaboɔ no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na Yuda kae sɛ: Nnosoasoafo no ahoɔden so ahuan, na afabo no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto afasu no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:10
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔyɛɛ wɔn mu ɔpeduɔsɔn nnosoasoafo, ne ɔpeduɔwɔtwe bepɔw so abopaefo, ne mpensa ahansia ahwɛfo, sɛ wɔmma nkurɔfo no nyɛ adwuma.


na wodi nnosoasoafo no so, na wɔhwɛ adwumayɛfo nyinaa so sɛ ɔsom horow no te; nso Lewifo no mu binom yɛ akyerɛwfo ne mpanyimfo ne aponanohwɛfo.


Na yɛn ahohiafo no kae sɛ: Mommma wɔnnte na wonnhu nkosi sɛ yebedu wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.


Na ɔkae ne nuanom ne Samaria atumfo no anim sɛ: Dɛn na Yudafo nyamoonyamoofo yi reyɛ yi? So wɔmma wɔn kwan? So, wɔbɛbɔ afɔre? So wobewie no nnɛ ara? So wobenyannyan abo no afi afabo akuwakuw a ahyehyew no mu?


Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae, na wɔn nti, yesisii awɛmfo awia ne anadwo, wɔn anim.


Onipa ba, Babel hene Nebukadnesar maa ne dɔm som Tiro ɔsom kɛse, atifi nyinaa popae, na mmati nyinaa ho worɔworɔwee, nanso akatua bi amfi Tiro anka ɔno ne ne dɔm nsa, ɔsom a ɔsom ho no so.


Sɛ asafo Awurade se ni: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnyɛ bere a wɔde besi Awurade fi no ni.


Na mmarima a wɔne no kɔe no kae sɛ: Yɛrentumi nkɔforo nhyɛ ɔman no, efisɛ wɔyɛ den sen yɛn.


na wɔforo koduu Eskol subon no mu, na wohuu asase no, na wobetuu Israelfo no koma, na wɔankɔ asase a AWURADE de ama wɔn no so;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios