Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:30 - KYERƐW KRONKRON

30 Ɔno so na Selemia ba, Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔto so asia no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu. Ɔno so na Berekia ba, Mesulam bɛtoae ne pia ntentenso.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 Ɔno so na Selemia ba Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔtɔ so nsia no, bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu. Ɔno so na Berekia ba Mesulam bɛtoaeɛ ne pia ntentensoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔto so asia no siesiee ɔfasu no fa bi, na Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

30 Ɔno so na Selemia ba Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔtɔ so nsia no, bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu. Ɔno so na Berekia ba Mesulam bɛtoaeɛ ne pia ntentensoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔtɔ so nsia no siesiee ɔfasuo no fa bi, ɛna Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 Ɔno so na Selemia ba, Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔto so asia no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu. Ɔno so na Berekia ba, Mesulam bɛtoae ne pia ntentenso.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:30
5 Referencias Cruzadas  

Na misisii akorade no so ahwɛfo: Ɔsɔfo Selemia ne Ɔkyerɛwfo Sadok ne Pedaia a ofi Lewifo mu no; na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, efisɛ wobu wɔn nokwafo, na wɔn na wɔkyekyɛ nneɛma no ma wɔn nuanom no.


Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoae ne fi ntentenso. Ɔno so na Sekania ba Semaia, apuei ponanohwɛfo no, bɛtoae.


Ɔno so na Malkiya, sikadwumfo ba no, bɛtoae kosii nsɔfokwaa ne aguadifo no fi, Begua pon no ntentenso kosii twea abansoro dan no ho.


Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba, Berekia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba, Sadok miamiaa mu.


na Yuda mu nnipa pii asua akyerɛ no, efisɛ Arah ba Sekania ase ne no, na ne ba Yohanan aware Berekia ba Mesulam babea.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios