Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:29 - KYERƐW KRONKRON

29 Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoae ne fi ntentenso. Ɔno so na Sekania ba Semaia, apuei ponanohwɛfo no, bɛtoae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoaɛ ne fie ntentensoɔ. Ɔno so na Sekania ba Semaia, Apueeɛ Pono ano hwɛfoɔ no, bɛtoaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Nea odi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. Nea ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apuei pon ano hwɛfo no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

29 Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoaɛ ne fie ntentensoɔ. Ɔno so na Sekania ba Semaia, Apueeɛ Pono ano hwɛfoɔ no, bɛtoaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Deɛ ɔdi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so. Deɛ ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apueeɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoae ne fi ntentenso. Ɔno so na Sekania ba Semaia, apuei ponanohwɛfo no, bɛtoae.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:29
8 Referencias Cruzadas  

Na Hanania mma ne: Pelatia ne Yesaia; Refaia mma, Arnan mma, Obadia mma, Sekania mma.


Ɛnna Yehiel ba Sekania a ofi Elam mma mu gyee so ka kyerɛɛ Esra sɛ: Yɛn de, yɛafom yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛahyiahyia mmea ananafo afi asase so aman mu, nanso afei eyi ho anidaso da so wɔ hɔ ma Israel.


Imer mma: Apem ne aduonum abien.


Maasia, Bilgai ne Semaia. Eyinom ne asɔfo no;


Efi apɔnkɔ pon no ano na asɔfo no miamiaa mu, wɔn nyinaa wɔ wɔn afi ntentenso.


Ɔno so na Selemia ba, Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔto so asia no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu. Ɔno so na Berekia ba, Mesulam bɛtoae ne pia ntentenso.


Imer mma: Apem aduonum abien.


na fi adi kɔ Hinom ba bon a ɛwɔ anwemfo pon ano no mu, na pae nsɛm a mɛka makyerɛ wo no wɔ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios