Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:26 - KYERƐW KRONKRON

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kosii nsu pon no ntentenso apuei ne abantenten a efi adi no fam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kɔsii Nsuo Pono no ntentensoɔ apueeɛ, ne abantenten a ɛfiri adie no fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 ne asɔredan mu asomfo a na wɔte koko Ofel so. Wosiesiee ɔfasu no kosii Nsu Pon no de kɔ apuei fam ne abantenten a eyi ne ho adi no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kɔsii Nsuo Pono no ntentensoɔ apueeɛ, ne abantenten a ɛfiri adie no fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 ne asɔredan mu asomfoɔ a na wɔte kokoɔ Ofel so. Wɔsiesiee ɔfasuo no kɔsii Nsuo Ɛpono no de kɔ apueeɛ fam ne abantenten a ɛyi ne ho adi no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kosii nsu pon no ntentenso apuei ne abantenten a efi adi no fam.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:26
13 Referencias Cruzadas  

Na wɔn a wɔtenaa asase no so kan, wɔn agyapade mu, wɔn nkurow mu ne Israel, asɔfo, Lewifo ne nsɔfokwaa.


Ɔno na osii AWURADE fi atifi pon no; na Ofel fasu no nso, ɔtoo bebree.


Na eyi akyi no, ɔtoo Dawid kurow akyi fasu, Gihon atɔe, osubon no mu de kosii Mpataa pon ano, na ɔde twaa Ofel ho hyiae, na ɔma ɛkorɔn yiye. Na ɔde dɔm asafohene duaduaa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu.


Na ɔman no nkae, asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtew wɔn ho fii nsaase so aman ho baa Onyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea, animdefo ne nhumufo nyinaa,


Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel, na Siha ne Gispa di nsɔfokwaa no so.


Na nsuaniwa pon no so ne wɔn ntentenso no, wɔforoo Dawid kurow aforoe no, ɔfasu no aforoe no so, Dawid fi no atifi fam de kosii Nsu Pono no ano apuei.


Ɔno so na Tekoafo no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien mu abantenten kɛse a efi adi no ntentenso kosii Ofel fasu no ho.


Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra.


Ɛnna ɔman no fii adi kɔfa bae, na wɔbobɔɔ asese, obiara ne dan atifi ne n’adiwo, ne Onyankopɔn fi abangua no so, ne nsu pon no ho mprae so ne Efraim pon no ho mprae so.


Na ɔkenkanee wɔ mprae a ɛwɔ nsu pon anim no so fi anɔpa kosii owigyinae, mmarima ne mmea ne wɔn a wobetumi ate ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nhoma no mu nsɛm no.


Na aban fɛfɛ no bɛda ntuw, wobegyaw kurow a nnipa dɔɔsɔ wɔ mu, ne koko ne ɔwɛn aban bɛdan atu de akosi daa, sare so mfurum anika ne mmoakuw adidibea.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios