Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene no bisae se, “Dɛn na wohwehwɛ?” Na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛkwan bɛn so na mɛtumi aboa wo?” Na mebɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 2:4
15 Referencias Cruzadas  

Na obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ahitofel fra wɔn a wɔne Absalom apam no mu. Na Dawid kae sɛ: AWURADE, mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatu nnan nkwaseasɛm.


Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon anadwo dae mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kae sɛ: Srɛ nea memma wo.


Ao, Awurade, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na fa ɔbarima yi so hu no mmɔbɔ. Saa bere no na mene ɔhene nsahyɛfo.


Na metee nsɛm yi no, metenaa ase misui, na midii nkɔmmɔ nna bi, na midii abuada, na mebɔɔ mpae ɔsoro Nyankopɔn anim,


na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no!


Na mituaa wɔn ano misee wɔn sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma asi yɛn yiye, na yɛn, ne nkoa, yɛbɛsɔre asi, na mo de, munni kyɛfa ne tumi ne nkae bi wɔ Yerusalem.


na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim dom a, anka woasoma me Yuda ma makɔ m’agyanom adamoa kurow no mu makɔkyekye bio.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, ɔhemmea Ester? Na ɛdɛn na worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔde bɛma wo.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ester apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ na wɔmma wo? Na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.


Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛto so abien no mu nso, apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ, ɔhemmea Ester, na wɔmma wo, na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.


O, Monna ɔsoro Nyankopɔn ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa.


Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan,


Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na onifuraefo no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mihu ade!


Na ɔsafohene no soo ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na obisae sɛ: Dɛn na wowɔ ka kyerɛ me?


Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios