Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 13:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na eyi nnya mmae no, na ɔsɔfo Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fi mpia so a ɔyɛ Tobia busuani no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na yei nnya mmaeɛ no, na Ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fie mpia soɔ, a ɔyɛ Tobia busuani no

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ansa na saa asɛm yi rebesi no, na ɔsɔfo Eliasib a woyii no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfo no a na ɔsan yɛ Tobia busuani no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na yei nnya mmaeɛ no, na Ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fie mpia soɔ, a ɔyɛ Tobia busuani no

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ansa na saa asɛm yi rebɛsi no, na ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔyii no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfoɔ no a na ɔsane yɛ Tobia busuani no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na eyi nnya mmae no, na ɔsɔfo Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fi mpia so a ɔyɛ Tobia busuani no,

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 13:4
7 Referencias Cruzadas  

Na Yesua woo Yehoiakim, na Yehoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada,


Na ɛda no ara, wɔde mmarima bi sisii akorade ne soma afɔrebɔde ne aduankan ne ntotoso du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkurow no mfuw mu kyɛfa a mmara no hyɛe no ano ngu mu mma asɔfo ne Lewifo no, efisɛ Yuda nyaa asɔfo ne Lewifo a wosisii wɔn no ho anigye.


Na ɔsɔfopanyin Eliasib ba Yoiada mma mu biako ayɛ Horonni Sanbalat sew. Na mepam no fii me so.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni bi, tee no, ɛyɛɛ wɔn yaw kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiyedi ama Israelfo.


Na ɔsɔfo panyin Eliasib ne ne nuanom asɔfo no sɔree na wosii Nguan pon no. Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron na wosisii n’apon no. Wɔyɛɛ no kronkron kosii Ɔha abantenten no ho de kosii Hananeel abantenten no ho.


Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiani Gesem ne yɛn atamfo nkae no tee sɛ mato ɔfasu no na tokuru biara nni mu bio no, (nanso bere no mu na minsisii apon no, kurow apon no ano),


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios