Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na n’atamfo de nsuyiri bɛma sibea ayera, na watiw wɔn akodu esum mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na n’atamfo deɛ ɔde nsuo a ayiri sram soɔ bɛma wɔn sibea ayera, na wati wɔn akɔduru esum mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso so bɛma Ninewe aba awiei. Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na n’atamfo deɛ ɔde nsuo a ayiri sram soɔ bɛma wɔn sibea ayera, na wati wɔn akɔduru esum mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so bɛma Ninewe aba awieeɛ. Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na n’atamfo de nsuyiri bɛma sibea ayera, na watiw wɔn akodu esum mu.

Ver Capítulo Copiar




Nahum 1:8
26 Referencias Cruzadas  

Ahuyide adan akyerɛ me so, wɔpam me bakomadi sɛ mframa, na me yiyedi asen kɔ sɛ omununkum.


hwie w’abufuw mmoroso no gu, na hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase.


Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii, wonnim nea wohintiw.


Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia beduru sum n’adifi mu, na ɔsram nso renharan.


Hwɛ, AWURADE da no reba, atirimmɔden ne anibere ne abufuhyew, sɛ ɔrebɛdan asase no afo, na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfo afi so.


Na mede atemmu mɛyɛ susuhama, na mede trenee mayɛ nsenia, na amparuwbo ahum behwim atoro guankɔbea no, na hintabea no nso, nsu bɛsram so;


na mo ne owu apam no so bɛpopa, na mo ne asaman kasasie no rennyina mpire a ɛhwe tra so no, sɛ ɛretwam a, ebetiatia mo so;


Hwɛ, Awurade wɔ ɔhoɔdenfo ne otumfo bi, sɛ amparuwbo a ɛregu, ahum a ɛsɛe ade; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsu bebree a ɛyɛ den a ɛsram so ba no.


na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohia ne sum ni, ahoguan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.


Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn anuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo anan ahintiw mmepɔw kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadan no sunsuma, na wama sum kabii aduru.


aka sɛ: Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusu a mede mereba no so nyinaa nti, na wɔawie sa. Ɛha na Yeremia nsɛm no pem.


Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma kyinhyia mframa abɔ m’abufuhyew mu, na osu a ɛsram so aba m’abufuw mu, na amparuwbo aba anibere mu abewie.


Na ne mma bedi ako, na wɔbɛboa dɔm akɛse asafo yuu ano, na obiako bɛba sɛ nsu a ayiri asram so, na ɔbɛsan adi ako akodu n’abankɛse ho.


Na wɔde dɔm a ɛte sɛ nsuyiri bɛtwe wɔn akɔ na wɔabubu wɔn ne apam birɛmpɔn no nso wɔ n’anim.


Na awiei bere no mu na anafo fam hene no ne no besi anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo ne ahyɛn bebree betu aba no so sɛ ahum na waba nsaase no so abɛsen sɛ nsu a ayiri.


Na saa bere no akyi no, wobetwa nea wɔasra no no akyene a ɛrenka no hwee; na ɔberɛmpɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kurow ne kronkronbea no, na n’awiei bɛyɛ nyirisramso mu, na akodi bedu awiei, amamfoyɛ a wɔahyɛ no pintinn.


So eyi nti asase renwosow na ɛsofo nyinaa renni nkɔmmɔ anaa? Na asase mu nyinaa bepuduw sɛ Nil, na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asu no.


Ɛlkosini Nahum adehu nhoma a ɛfa Niniwe atemmu ho.


Na Niniwe te sɛ ɔtare fi ne tete nna mu; na wɔn de, woguan. Munnyina, munnyina! Na obiara nnan n’ani.


Na ɔbɛteɛ ne nsa akyerɛ benkum fam, na wasɛe Asiria, na wadan Niniwe amamfo, na awo kesee sɛ sare so,


Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ebui, na ebubui pasapasa.


na ahenni mma no de, wɔbɛtow wɔn akogu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.


Ɔbɛhwɛ n’ahotefo anan so, na atirimmɔdenfo bɛyera esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bedi nim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios