Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 mmepɔw wosow n’anim, na nkoko hono; asase wosow n’anim, yiw wiase ne emutefo nyinaa mpo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 mmepɔ woso n’anim, na nkokoɔ hono; asase woso n’anim, aane wiase ne wɔn a ɛte mu nyinaa mpo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mmepɔw wosow biribiri nʼanim na nkoko nan. Asase, wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa wosow nʼanim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 mmepɔ woso n’anim, na nkokoɔ hono; asase woso n’anim, aane wiase ne wɔn a ɛte mu nyinaa mpo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mmepɔ woso biribiri nʼanim na nkokoɔ nane. Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa woso nʼanim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 mmepɔw wosow n’anim, na nkoko hono; asase wosow n’anim, yiw wiase ne emutefo nyinaa mpo.

Ver Capítulo Copiar




Nahum 1:5
34 Referencias Cruzadas  

Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosowee, ɔsoro nnyinaso nso popoe, na ehinhimii, efisɛ ne bo ahuru.


Ɔsoro nnyinaso hinhim, na wɔn ho dwiriw wɔn, n’ateɛteɛ ano.


Otutu mmepɔw mpatuw mu, obutuw no n’abufuw mu.


Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosow, ɔka mmepɔw na efi wusiw.


Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, na nkoko yɛe sɛ nguammaa.


Mo mmepɔw, sɛ muhuruhuruw sɛ adwennini, na mo nkoko, moyɛ sɛ nguammaa yi?


Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosowee, na mmepɔw nnyinaso popoe, na ehinhimii, efisɛ ne bo ahuru.


Owusiw tu fii ne hwenem, na ogya a ɛhyew ade fii n’anom, nyansrama fii ne mu dɛwee.


Amanaman yɛ hoo, ahenni wosowosow, ɔma ne nne so ma asase nan.


asase wosowee, ɔsoro nso sosɔe, Onyankopɔn anim, Sinai yi ara wosowee, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn, anim.


Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo, wiase ne wɔn a wɔte mu.


Na wusiw kataa Sinai bepɔw no so nyinaa, efisɛ na AWURADE nam ogya mu asian aba so, na ne wusiw no tu kɔɔ ɔsoro sɛ ɔfononoo mu wusiw, na bepɔw no nyinaa wosowee biribiri.


Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama ada mpan, na wadan ani abutuw, na wabɔ ɛsofo apete,


Asase tɔ ntintan sɛ ɔsabofo, na ehinhim sɛ asesewa bi na ne mmarato ayɛ no so duru, na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.


Eyi nti AWURADE bo afuw ne man, na ɔteɛ ne nsa hyɛ wɔn na ɔbobɔ wɔn, na ɛma mmepɔw no him, na wɔn afunu yɛ sɛ mmorɔn so sumina, wɔ mmɔnten so, Eyi nyinaa mu no n’abufuw no nnyaee ɛ, na ne nsa mu ateɛ ara.


Na AWURADE ne nokware Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefo ne daa hene; n’abufuw nti asase wosow, na amanaman ntumi n’abufuhyew.


Mehwɛɛ mmepɔw, na hwɛ, ɛrewosow, na nkoko nyinaa rehinhim.


na ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa bɛwosow m’anim, ne wuram mmoa ne wɔn a wɔwea asase so nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ asase ani nyinaa, na mmepɔw bedwiriw agu, na abotan atenten ahwehwe ase, na afasu nyinaa ahwehwe ase.


Asase wosow wɔn anim; ɔsoro hinhim, owia ne ɔsram aduru sum, na nsoromma kame ne haran.


Na AWURADE, asafo AWURADE, ne nea ɔka asase ma ɛnan na ɛsofo nyinaa di nkɔmmɔ, na ne mu no nyinaa yiri sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asu Nil.


Na mmepɔw bedwiriw wɔ n’ase, na abon mu apaepae, sɛ hweawa tetew ogya anim no, te sɛ nsu a wɔahwie agu nea ɛhɔ sian.


Mmepɔw hu wo a wohinhim; nsu a etue reba; ebun donkudonku ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro;


Hena ne wo, bepɔw kɛse wobɛdan asasetaw Serubabel anim? Na ɔde atifi bo no befi adi aba, na wɔabobɔ so ose sɛ: Ɔdom, ɔdom mmra so.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa.


Na hwɛ, ntama a etwa asɔredan no mu no mu tewee abien fi soro de besii fam, na asase wosowee, na abotan paapaee,


Na hwɛ, asase wosowee kɛse pa ara; na Awurade bɔfo fi soro sian bae bemunum ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so.


Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Na ɔsoro yerae sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne nsupɔw nyinaa tutu fifii nea na ɛwowɔe.


Mmepɔw popoe AWURADE anim, Mekyerɛ Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios