Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Onyankopɔn yɛ ninkufo ne weretɔfo ne AWURADE, ampa ara ɔweretɔfo ne AWURADE, na abufuw tumi ahyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiafo so were, na n’abufuw wɔ hɔ ma n’atamfo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Onyankopɔn yɛ ninkufoɔ, AWURADE ne weretɔfoɔ. Ampa ara, AWURADE tɔ were, na abufuo tumi hyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiahiafoɔ so were, na n’abufuo wɔ hɔ ma n’atamfo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade yɛ ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn, Awurade tɔ were, na abufuw ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfo so were, na nʼabufuw tena wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Onyankopɔn yɛ ninkufoɔ, AWURADE ne weretɔfoɔ. Ampa ara, AWURADE tɔ were, na abufuo tumi hyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiahiafoɔ so were, na n’abufuo wɔ hɔ ma n’atamfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ na nʼabufuo tena wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Onyankopɔn yɛ ninkufo ne weretɔfo ne AWURADE, ampa ara ɔweretɔfo ne AWURADE, na abufuw tumi ahyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiafo so were, na n’abufuw wɔ hɔ ma n’atamfo.

Ver Capítulo Copiar




Nahum 1:2
42 Referencias Cruzadas  

Ɔbɛma n’abufuhyew aba no so, ama ɔde ahyɛ n’afuru ma, na ɔbɛma atɔ agu no so de ayɛ n’aduan.


Aweredi Nyankopɔn, AWURADE, aweredi Nyankopɔn, pue.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,


Na nsɔre onyame foforo bi, efisɛ AWURADE a ne din ne oninkufo no yɛ Onyankopɔn ninkufo:


nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni, na otua agyanom amumɔyɛ so ka fa mma ne mma mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan so.


AWURADE befi adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuw mu sɛ ɔkofoni; obehuro, ɔbɛbɔ ose; obedi n’atamfo so abaninsɛm.


Nyan ɛ, nyan ɛ! Sɔre ɛ, Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuw kuruwa no; woanom ntintantɔ kuruwa no na woanom, ahwew mu.


Wo mma totɔɔ piti boaboaa hɔ mmorɔn nyinaa twea so sɛ ɔforote, afiri mu, na AWURADE abufuhyew, wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama.


Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba de abufuhyew abetua n’abufuw so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateɛteɛ.


Na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, aka akyerɛ me ni: Gye abufuhyew nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom,


Adiyifo a wodii m’anim ne w’anim fi teteete no, wɔhyehyɛɛ nsaase bebree ne ahenni akɛse akodi ne bɔne ne owuyare ho nkɔm.


So ɔde bɛhyɛ ne yam akosi daa a? So ɔbɛfa abufuw akosi ase? Hwɛ, woka no saa de, nanso woyɛ nnebɔne a wubetumi nyinaa.


Ebia wɔn nkotɔsrɛ bedu AWURADE anim, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, efisɛ abufuw ne abufuhyew asɛm a AWURADE aka ɔman yi ho no so kokuroo.


Muntwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na munyi mo koma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfo, anyɛ saa a m’abufuw befi sɛ ogya abɛhyew a obi nni hɔ a obedum, mo nsɛnnii mu bɔne nti.


Mommɔ no so ose nhyia. Ɔde ne ho ama, ne nnyinaso ahwehwe ase, n’afasu adwiriw, na AWURADE aweretɔ ne no; montɔ mo were no so, monyɛ no sɛnea ɔyɛe no.


AWURADE ayi n’abufuhyew no adi, wahwie n’abufuw a ano yɛ den no agu; wasɔ Sion mu gya, ma ahyew ne nnyinaso.


Ɛno nti hyɛ Israel asase ho nkɔm, na ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko ne nsubon ne abon no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ninkuntwe ne m’anibere mu na mekasa, efisɛ moasoa amanaman ahohora;


Na ɛda no, ɛda a Gog bɛba Israel so no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, m’abufuw mu yamgya bɛdɛw,


na me ninkuntwe mu, m’anibere gya no mu, maka sɛ: Ampa ara, ɛda no, ɔwosow kɛse bɛba Israel asase so,


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Afei mede Yakob nnommum no mɛsan maba, na mahu Israel fi nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu,


Na m’abufuw bewie na mama m’anibere adwo, wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibere no so ade wɔ wɔn so a, wɔahu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


Nea ɔwɔ akyirikyiri bewu owuyare ano, na nea ɔbɛn nso bɛtɔ nkrante ano, na nea waka ne nea wɔakora no so bewu ɔkɔm ano, na m’anibere bewie wɔn so.


Na me nso, medi no anibere so; m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛse besu agu m’asom de, nanso merentie wɔn.


Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu, na ohuu ne man mmɔbɔ.


ɛnne mede abufuhyew ne mo bedi asi, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mpɛn asɔn.


na mede abufuw ne abufuhyew matɔ were, amanaman a wɔantie no so.


Hena ne Onyankopɔn sɛ wo a wode amumɔyɛ kyɛ na wutwa mmarato ho ma w’agyapade nkae no? Ɔrenso n’abufuw mu daa, na adɔe mmom na ɔpɛ;


sɛ: Pae mu ka sɛ: Sɛ Asafo Awurade se ni: Ninkunu kɛse na matwe Yerusalem ne Sion ho,


Sɛ asafo AWURADE se ni: Metwe Sion ho ninkunu kɛse, [na anibere kɛse na mede metwe ne ho ninkunu].


Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Pinehas asianka m'abufuw afi Israelfo so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu, a enti manhyew Israelfo wɔ me ninkuntwe mu.


Adɔfo, monntotɔ mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me ara metua ka, Awurade na ɔka saa.


Efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ma wo yiyedi. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wonkura afoa no kwa; na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wotɔ were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so.


Na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew, Onyankopɔn ninkufo.


na otua wɔn a wɔtan no ka bɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma nea ɔtan no, obetua no ka abɔ n’anim.


Na yenim nea ɔkae sɛ: Me na aweredi wɔ me, me na metua ka. Na bio: Awurade bebu ne man atɛn.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufo ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo.


Awurade nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios