Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 1:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na sɛ wɔtoatoam sɛ nguare mpo, na wɔn mmorosa abobow mo nso a, wɔbɛhyew koraa sɛ sakran guanguan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na sɛ motoatoam sɛ nwerɛ na mo nsaden nso abobo mo mpo a, mobɛhye koraa sɛ nkyɛnkyɛmma dwaneeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔde nsɔe bɛkyekyere wɔn ho, na bere a wɔn nsa abow wɔn no wɔbɛhyew wɔn sɛ nwuraguanee a wɔaboa ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na sɛ motoatoam sɛ nwerɛ na mo nsaden nso abobo mo mpo a, mobɛhye koraa sɛ nkyɛnkyɛmma dwaneeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho, na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na sɛ wɔtoatoam sɛ nguare mpo, na wɔn mmorosa abobow mo nso a, wɔbɛhyew koraa sɛ sakran guanguan.

Ver Capítulo Copiar




Nahum 1:10
19 Referencias Cruzadas  

Wɔn mu nipa pa te sɛ ohwirom, wɔn mu teefo sen nsɔe ban. W’awɛmfo da no, w’asotwe aba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bedu.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa.


Wo nso ahohiahia bɛbow wo na woayera mu, na wobɛhwehwɛ guankɔbea ɔtamfo anim.


Na abɔnefosɛm dɛw sɛ ogya, ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe na ɛsɔ kwae mu adɔtɔ mu ma efi wusiw kumɔnn foro kɔ soro.


Enti, sɛ ogyaframa hyew sakran na ogya framfram hyew wura guanguan no, saa ara nso na wɔn ntini bɛporɔw, na wɔn nhwiren betu akɔ sɛ otutuw, efisɛ wɔapa asafo AWURADE mmara, na wɔatew Israel kronkronni no asɛm ahi.


Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafo ne n’amradofo ne ne man mpanyimfo ne ne nnɔmmarima abobow, na wɔadeda daa nna a wɔrennyan, ɔhene a ne din de asafo AWURADE no asɛm ni.


Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hyew a, mɛtow wɔn nsapon, na mama wɔabobow na wɔn ho asɛpɛw wɔn, na wɔada daa nna, na wɔannyan, AWURADE asɛm ni.


Abohuru bi nni me mu; sɛ mihu nsɔe ne nguare ɛ, anka mede ko mewura mu makɔhyew ne nyinaa.


Sɛ owusiw tu kɔ no, sɛ bɔ wɔn gu ara ne no; sɛ hweawa nan ogya ho no, sɛ abɔnefo bɛsɛe Onyankopɔn anim ne no.


Nso Absalom ahyɛ ne mmerante sɛ: Monhwɛ na sɛ Amnon nom nsa na n’ani gye na mise mo sɛ: Mommɔ Amnon a, munkum no. Munnsuro, so ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den na monyɛ mo ho mmarima.


Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, watow ne ho pon ne fi hɔ sɛ ɔhene pon; na Nabal ani agye ne ho, na wabow tintaan. Na wanka no hwee kosii n’adekyee.


Wɔatwa me ho ahyia sɛ nnowa, wobedum sɛ nsɔe mu gya, AWURADE din mu ara na metwitwa wɔn magu.


Hwɛ, wɔayɛ sɛ sare a awo, ogya ahyew wɔn, wɔrentumi nnye wɔn kra mfi gyaframa nsam; ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho, anaasɛ ogya a wɔtena ho.


Wɔka sɛ: Mommra, mekɔfa nsa aba, na yɛawe mpahyewa, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.


Ɛnna ɔman no bɔ petee Misraim asase nyinaa so kɔboaboaa awi ntwakae ano de yɛɛ sare mesemese no.


Na wo tumi a ɛso no ara na wode butuw wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no. Wosoma w'abufuhyew ba, ɛhyew wɔn sɛ sakran.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios