Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 26:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Bua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Bua ɔkwasea wɔ n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuae, anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ onim nyansa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Bua ɔkwasea wɔ n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnim nyansa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Bua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafo.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 26:5
19 Referencias Cruzadas  

Wuhu onipa a ɔyɛ n’ankasa ani so nyansafo a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.


Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno.


Nea ɔde nsɛm soma ɔkwasea no twitwa n’ankasa nan, na ɔnom mmusu.


Onipa defo yɛ n’ani so nyansafo, na ɔbrɛfo nhumufo hwehwɛ no mu.


Nyɛ w’ani so onyansafo, suro AWURADE, na dan fi bɔne ho.


Wonnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa ani so anyansafo na wɔyɛ wɔn ani so nhumufo no!


Na wɔda so ara rebisa no no, ɔmaa ne mu so see wɔn sɛ: Mo mu nea bɔne bi nni ne ho no, ɔntow no bo kan!


Na, anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo. Ɛne sɛ komapirim aba Israel afaafa mu, de kosi sɛ amanaman mufo bewie mayɛ;


Mo nyinaa nnya adwenkoro; mommmoma ho so, na mmom momma ahobrɛasede mfa mo! Mummmu mo ho anyansafo!


Adanse yi yɛ nokware. Ɛno nti yi wɔn ntɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidi mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios