Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 2:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Ɛno na wubehu trenee ne atemmu ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛno na wobɛte nea eye ne nea ɛyɛ pɛ, ne nea ɛfata, ɔkwan biara a eye ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ pɛ ne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛno na wubehu trenee ne atemmu ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 2:9
16 Referencias Cruzadas  

Sɛ AWURADE se ni: Munkogyina akwan so na monhwɛ, na mummisa tete atempɔn no, nea ɔkwan pa no wɔ, na momfa so, na munnya ɔhome mma mo kra. Nanso wose: Yɛremfa so.


Sɛ AWURADE se ni: Wo dimafo, Israel kronkronni no: Me AWURADE, wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.


Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Mewɔ nimdeɛ mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene.


Na wo AWURADE aka sɛ: Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.


Na ɔtempɔn ne ɔkwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no ɔkwan kronkron; nea ne ho ntew remfa so, na Onyame nkurɔfo na wɔde bɛma wɔn; ɔkwantuni biara, nkwaseafo mpo remfom kwan wɔ mu.


W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.


Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.


Trenee tempɔn mu na menam, atemmu akwan so pɛ,


Nnipa bɔne nhu atemmu mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyi kwan no hu ade nyinaa mu.


Onipa biara a osuro AWURADE no, ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa so.


Wo nantew mu w’anammɔn renkyere wo, na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios