Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 2:8 - KYERƐW KRONKRON

8 sɛ ɔbɛkari atemmu akwan, na wahwɛ n’ahotefo kwan so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 sɛ ɔbɛkari atemmuo akwan, na wahwɛ n’ahotefoɔ kwan so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 ɔwɛn nea ɔyɛ pɛ kwan, na ɔbɔ wɔn a wodi no nokware no akwan ho ban.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 sɛ ɔbɛkari atemmuo akwan, na wahwɛ n’ahotefoɔ kwan so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 ɔwɛn deɛ ɔtene akwan, na ɔbɔ wɔn a wɔdi no nokorɛ no akwan ho ban.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 sɛ ɔbɛkari atemmu akwan, na wahwɛ n’ahotefo kwan so.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 2:8
20 Referencias Cruzadas  

Odwudwo me kra, ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti.


Ɔbɛhwɛ n’ahotefo anan so, na atirimmɔdenfo bɛyera esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bedi nim.


AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn.


Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi n’anuonyam anim, sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no,


Ɔde yɛn kra asi nkwa mu, na wamma yɛn nan anwatiri.


a wɔnam gyidi so wɛn mo wɔ Onyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagye a wɔasiesie sɛ wɔrebeyi no adi bere a edi akyiri no mu.


Trenee tempɔn mu na menam, atemmu akwan so pɛ,


efisɛ AWURADE dɔ atemmu, na ɔrennyaw n’ahotefo. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefo asefo de, wobeyi wɔn hɔ.


Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.


Yiw, ɔdɔ ne man, n’akronkronfo nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn de, wɔboaboa wo nan ase, na wotie w’asɛm.


Gyata biara remma hɔ, na anworanworaboa bi rensi so; wɔrenhu bi wɔ hɔ, wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa so.


ne Nyankopɔn mmara wɔ ne komam, na ne nan nwatiriw.


Mo a modɔ AWURADE, munkyi bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefo kra so, obeyi wɔn afi abɔnefo nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios