Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 2:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ɔkora nyansahu ma teefo, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Ɔkora nyansa mapa ma teefoɔ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɔkora nyansa mapa ma teefoɔ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔkora nkonimdie ma wɔn a wɔteneɛ, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔkora nyansahu ma teefo, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 2:7
16 Referencias Cruzadas  

Onyankopɔn asɛm nyinaa ho tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma animdefo nimdeɛ ayɛ ɔkwa.


Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.


Nea ɔnam pɛyɛ mu no benya nkwa, na nea ɔkyea akwan abien mu no bɛhwe ase biako mu.


Onitefo nyansa ne sɛ ohu ne kwan mu, na nkwasea agyimisɛm yɛ nnaadaa.


Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.


M’adɔe ne m’abankɛse, m’abantenten ne me gyefo, me kyɛm ne nea miguan metoa no a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’ase.


Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no de, Yudafo oo, Helafo oo, saa Kristo yi yɛ Onyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa.


Afotu ne nyansahu wɔ me, mene nhumu, mmaninyɛ wɔ me.


anworanworammoa ntiatiaa so, na gyatabiri mfaa hɔ.


Mede me nne misu mefrɛ AWURADE, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron so. Sela


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios