Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 2:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anomu na nimdeɛ ne nteaseɛ firi ba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Awurade ma nimdeɛ, na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anomu na nimdeɛ ne nteaseɛ firi ba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Awurade ma nimdeɛ, na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 2:6
32 Referencias Cruzadas  

Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no.


Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafo asen m’atamfo, na ɛwɔ me daa.


Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdesani mu ne Otumfo ahome na ɛma no nhumu.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfo nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.


Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.


hwɛ, mayɛ sɛ w’asɛm no se. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhumu koma a obiara a odii w’anim nte sɛ wo, na w’akyi nso obi rensɔre a ɔsɛ wo.


Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.


Wo nsiesiei mu na minya nhumu, enti mikyi nkontompo kwan nyinaa.


Wo, m’agyanom Nyankopɔn, na meda wo ase miyi wo ayɛ, sɛ woama me nyansa ne tumi, na afei woayi nea yɛsrɛɛ wo akyerɛ me, sɛ woama yɛahu ɔhene asɛm no.


Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.


Wonni mmara ne adanse no akyi! Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, ɛnne ade renkye wɔn.


Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhumu bebree pa, ne adwene a emu trɛw sɛ mpoano nwea.


ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ;


Na mmara nsɛm no yɛ ɔkanea, na kyerɛ no yɛ hann, na nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan,


AWURADE mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. AWURADE adanse atim, ɛma awiɛmfo hu nyansa.


Enti ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn, na minhu papa ne bɔne mu, na hena na obetumi abu ɔman duruduru yi atɛn?


na mede Onyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni ahorow nyinaa mu,


Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.


Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanyimfo ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mihuu wɔn a wɔforo bae kan no ho mmusua nkanee nhoma, na mihui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ:


Gye n’anom mmara, na fa ne nsɛm sie wo komam.


Hwɛ, wopɛ nokware, m’asaabo mu, na ma minhu nyansa me mu ahintawee mu.


Na onipa a oye wɔ Onyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye, na ɔdebɔneyɛfo de, ɔma ɔhaw ne ho tase ade boa ano de ma nea oye Onyankopɔn anim. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.


Na asase nyinaa hwehwɛɛ Solomon anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no.


Na wo, Esra, sɛ wo Nyankopɔn nyansa a ɛwɔ wo nsam no te no, hyehyɛ atemmufo ne asɛnnifo, na wonni ɔman a wɔwɔ asuogya no nyinaa nsɛm, wɔn a wonim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na wɔn a wonnim nso, momma wonhu.


Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninne wɔ, ɔno na afotu ne nhumu wɔ no.


Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ, nea wosisi no ne osisifo nyinaa yɛ ne dea.


AWURADE ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, AWURADE mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani.


Nea ɔtwe amanaman aso no, so ɔrenteɛ so, nea ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no, ɔno ɛ?


Ma minhu mu, na madi wo mmara so, na mede me koma nyinaa medi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios