Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 ɛno na wubehu AWURADE suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 ɛno na wobɛhunu AWURADE suro, na woahunu Nyankopɔn ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 ɛno na wobɛte Awurade suro ase na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 ɛno na wobɛhunu AWURADE suro, na woahunu Nyankopɔn ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 ɛno na wobɛte Awurade suro ase na woahunu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 ɛno na wubehu AWURADE suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 2:5
18 Referencias Cruzadas  

AWURADE suro ne nimdeɛ mfiase; nkwaseafo bu nyansa ne nteɛso animtiaa.


Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ mene AWURADE, na wɔadan me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim nea Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim nea Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


na eyi ho mmom na ma nea ɔhyehye ne ho no nhyehye ne ho, sɛ onim de ahu me, sɛ mene AWURADE a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee, yɛ adetrenee, asase so, na eyi na ɛsɔ m’ani, AWURADE asɛm ni.


M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.


Na obi renkyerɛ ne yɔnko na obi nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hu AWURADE! Na wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi wɔn mu ɔkɛse so, AWURADE asɛm ni, na mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.


Ampa ara nyansa mfiase ne AWURADE suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.


Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho fi, ne nhumu.


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Me de, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Nea obu mmara no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔne ahohwifo bɔ no hyɛ n’agya aniwu.


Na ɔmannwoe, nkwagye, nyansa ne nimdeɛ mmoroso bɛba wo bere so; AWURADE suro ne n’ademude.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios