Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 17:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika; na AWURADE na ɔsɔ koma hwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ nanso Awurade na ɔsɔ koma hwɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika; na AWURADE na ɔsɔ koma hwɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 17:3
21 Referencias Cruzadas  

Na minim, me Nyankopɔn, sɛ wo de, wosɔ koma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me de, me komam teeyɛ mu na mayi me yam mama eyinom nyinaa, na afei wo man a wohu wɔn ɛha yi nso, mede anigye mahu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo ade.


Na onim kwan a mefa so. Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika mmapa a afa ogya mu.


Yiw dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhoro.


Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene,


AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asaabo ne me koma.


Na wo Nyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ, woanan yɛn ahwɛ sɛ wɔnan dwetɛ hwɛ mu.


Asaman ne ɔsɛe amoa wɔ AWURADE anim, na menne nnipa mma koma.


Onipa akwan nyinaa so tew n’ani so, na ahonhom karifo ne AWURADE.


Akoa nimdefo bedi ɔba a ɔyɛ aniwude so, na obenya agyapade mu kyɛfa, anuanom mu.


Onipa kwan biara teɛ n’ani so, na koma karifo ne AWURADE.


Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na onipa de, sɛ n’ayeyi te na wɔde hu no.


Hwɛ, manan wo, nso ɛnyɛ sɛ dwetɛ, masɔ wo ahwɛ, amane fononoo ahorow mu.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.


Onipa ba, Israel fi ayɛ me dwetɛ fi; wɔn nyinaa yɛ fononoo mu kɔbere ne sanyaa ne dade ne sumpii; wɔayɛ dwetɛ bin.


Na mmadwemma no binom bɛtotɔ na wɔde ayi wɔn mu fi de atew wɔn ho ahoa wɔn ho fitaa akosi awiei bere no, efisɛ ɛbere a wɔahyɛ no bɛba ara.


Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!


ɔde mana a w’agyanom nnim ma wudii sare so, sɛ ɔrebrɛ wo ase na wasɔ wo ahwɛ, na awiei no, wayɛ wo yiye,


Na kae ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ma wonantew so mfirihyia aduanan yi sare so no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahu nea ɛwɔ wo koma mu, sɛ wubedi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni.


na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.


Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios