Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 13:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Onihawfo pere hwehwɛ nanso onya hwee, na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔpɛ biara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee, na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 13:4
26 Referencias Cruzadas  

Na da no ara Isak nkoa bae bɛkaa no abura a wotui no ho asɛm sɛ: Yɛato nsu.


Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere, wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara,


Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho.


Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.


Nea ɔdɔw n’asase no didi mee, na nea odi nsɛnhunu akyi nni ti.


Nsiyɛfo nsa bedi panyin, na anihaw nsa beyi tow.


Onihawfo nsa nka ne hanam, na nsiyɛfo nya onipa ade a ne bo yɛ den.


Nea ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, nea ɔtɛɛ n’anom nya ɔsɛe.


Ɔtreneeni tan atosɛm, na abɔnefo yɛ aniwude ne ahohorade.


Awɔw nti Ɔkwadwofo mfɛtɛw, enti twabere mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nso ɔrennya hwee.


Ɔkwadwofo akɔnnɔ kum no, efisɛ ne nsa nso ade mu.


Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.


Mitwaa Onipa kwaadwofo afuw ne onipa a onni ti bobeturo ho,


na hwɛ, ne nyinaa afuw nsansono, na ahyehyensa akata ani, na ɛho abo fasu abubu agu.


Ɔkwadwofo se: Ɔsebɔ wɔ ɔkwan mu, gyata wɔ mmɔnten so!


Nea n’akɔnnɔ so hwanyan atutuw, na nea ɔde ne ho to AWURADE so bɛdɔ srade.


Ɔkwaadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa.


Nhyira ne onipa a otie me na ɔwɛn m’apon ano daa daa, na ɔhwɛ m’abobow ano apongua so:


Mayi m’atade, mɛyɛ dɛn mahyɛ? Mahohoro me nan ho, mɛyɛ dɛn mayɛ no fi?


Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa yi, na wama wo kra amee nea ɛhɔ awo, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsu sen wom, ne nsuaniwa a emu nsu nni huammɔ.


Hena na ɔbɛkan Yakob mfutuma ne Israel abupɛn anan mu biako dodow? Ma menwu teefo wu, na m'awiei nyɛ sɛ wɔn de.


Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.


Na yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu awiei,


Na wɔsan baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; ma mmarima bɛyɛ sɛ mpennu anaa mpensa nkɔ nkɔbɔ Ai; nhaw ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wosua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios