Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 13:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Onipa anom aba so na odi nnepa, na nea nkontompofo kra pɛ ne mmusu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Onipa anomu aba so na ɔdi nnepa, na deɛ nkontompofoɔ kra pɛ ne mmusuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nneɛma pa a efi onipa anom no ma no anigye, na wɔn a wonni nokware no kɔn dɔ kitikitiyɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Onipa anomu aba so na ɔdi nnepa, na deɛ nkontompofoɔ kra pɛ ne mmusuo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nneɛma pa a ɛfiri onipa anom no ma no anigyeɛ, na wɔn a wɔnni nokorɛ no kɔn dɔ basabasayɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Onipa anom aba so na odi nnepa, na nea nkontompofo kra pɛ ne mmusu.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 13:2
16 Referencias Cruzadas  

Mma ɔtɛkrɛmafo nntim asase so, ɔkokobirifo, ma bɔne ntiw no yerɛdɛdɛ.


Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam, na emu bobesa ani fi ahuru, mfrasa ayɛ mu ma, na ohwie bi; ampa ara, ase puw po, asase so abɔnefo nyinaa befifew anom.


na wɔn de, wɔn ankasa mogya na wobuw, wɔtɛw wɔn ankasa kra.


enti wobedi wɔn kwan so aba, na wɔn agyina a wotutui amee wɔn.


Ɔtreneeni ano yɛ nkwa nsuti, na akakabensɛm kata abɔnefo ano.


Treneefo ade a wɔpɛ yɛ papa nko; abɔnefo anidaso dan wɔn abufuw.


Onipa anom aba na ɔde bedi papa amee, na onipa nsa ano ade na wɔbɛdan ama no.


Ɔbarima anom aba ma ne yafunu mee, n’anom nnɔbae mee no.


Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam, na nea ɔdɔ no no bedi n’aba.


na wodi abɔnefosɛm aduan, na amimdi nsa na wɔnom.


Moafɛntɛm abɔnefosɛm, mmusu na moatwa, moadi atoro aba; na wode wo ho too wo kwan ne, wo nnɔmmarima dodow no so.


Na wo Babel, asɛmmɔne a wodii no Lebanon; mmoa sɛe a ɛbɔɔ wɔn piriw, nnipa mogya a woka guu asase so, ne kurow ne emufo nhyɛso no nyinaa bɛba w’atifi.


Esiane sɛ woafow amanaman pii nti, na woahyɛ nkurow ne emufo so, na woahwie nnipa mogya agu nti, wo nso aman bɛfow wo afa.


na wɔahwie ahotefo ne adiyifo mogya agu, na woama wɔn mogya anom; wɔfata saa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios