Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 10:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔtɔ nko twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Deɛ ɔboaboa ano ahuhuberɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ, na deɛ ɔtɔ nko twaberɛ no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nea ɔboaboa nnɔbae ano wɔ ahuhurubere no yɛ ɔba nyansafo na nea ɔda wɔ twabere mu no yɛ ɔba nimguaseni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Deɛ ɔboaboa ano ahuhuberɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ, na deɛ ɔtɔ nko twaberɛ no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwuo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Deɛ ɔboaboa nnɔbaeɛ ano wɔ ahuhuro berɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ na deɛ ɔda wɔ twaberɛ mu no yɛ ɔba nimguaseni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔtɔ nko twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 10:5
10 Referencias Cruzadas  

nanso osiesie n’aduan ahohurubere, na ɔboaboa n’adidide ano twabere mu.


Ntɛtea, ɔman a wonni ahoɔden bi, nanso wosiesie wɔn aduan ahohurubere;


Nea ɔbɔ n’agya atirimmɔden na ɔpam ne na no yɛ aniwu ne ahohora ba.


Akoa nimdefo bedi ɔba a ɔyɛ aniwude so, na obenya agyapade mu kyɛfa, anuanom mu.


Ɔyerepa yɛ ne kunu abotiri, na nea ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔw.


Ɔkwaadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa.


Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho.


Nhyira da ɔtreneeni atifi, na akakabensɛm kata abɔnefo ano.


Sɛ sare wu a, momono fifi, na wɔboaboa mmepɔw so nhabamma ano.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios