Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 10:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ohia bɛhia deɛ ɔtwentwɛn ne nsa aseɛ, na nsiyɛfoɔ nsa ma wɔnya wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfo nsa de ahonya ba.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Ohia bɛhia deɛ ɔtwentwɛn ne nsa aseɛ, na nsiyɛfoɔ nsa ma wɔnya wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 10:4
19 Referencias Cruzadas  

Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.


Awɔw nti Ɔkwadwofo mfɛtɛw, enti twabere mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nso ɔrennya hwee.


Anihaw yɛ nnahɔɔ, na ɔkra kwaadwofo bedi kɔm.


Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade.


Enti, me nuanom adɔfo, muntintim, munnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.


Mpɛ nna, na woanni hia, bue w’ani, na aduan bɛmee wo.


Ɔkwadwofo de ne nsa to asanka mu, na ɔnsan mfa nkɔ n’anom po.


Nsiyɛfo nsa bedi panyin, na anihaw nsa beyi tow.


Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔ ara; na obi kyɛe so tena so, nanso ehia no ara.


Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.


Akwadworɔ nti na mpuran hunhuan, na anihaw ma ɔdan nwini.


Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔtɔ nko twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu.


Onihawfo nsa nka ne hanam, na nsiyɛfo nya onipa ade a ne bo yɛ den.


Nea ɔtoto n’adwuma ase nso, ɔdesɛefo nua ne no.


Na da no ara Isak nkoa bae bɛkaa no abura a wotui no ho asɛm sɛ: Yɛato nsu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios