Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Solomon mmebusɛm. Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Salomo mmebusɛm. Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea deɛ ɔhyɛ ne na awerɛhoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Salomo mmebusɛm: Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye, na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Salomo mmebusɛm. Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea deɛ ɔhyɛ ne na awerɛhoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Salomo mmɛbusɛm: Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye, na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Solomon mmebusɛm. Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 10:1
16 Referencias Cruzadas  

Israel hene Solomon, Dawid ba no, mmebusɛm ni:


Onipa a ɔdɔ nyansa ma n’agya ani gye, na nea ɔne nguamamfo bɔ bɛsɛe n’ade.


Ɔba kwasea hyɛ n’agya awerɛhow ne ne na a ɔwoo no ahometew.


Abaa ne animka ma nyansa, na abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.


Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na onipa kwasea bu ne na animtiaa.


Nea ɔwo ɔkwasea no, ɔwo nya awerɛhow, na anigye bi nni hɔ mma ogyennyentwi agya.


Ɔba kwasea yɛ n’agya mmusu, na ɔbea atutupɛ yɛ daa nsosɔe.


Nanso nea ɛka ho a ɔsɛnkafo no yɛ mu nyansafo no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na opee mu, na obubuu mmɛ bebree.


Na hena na onim sɛ ɔbɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso obedi m’ade a mebrɛɛ ho mede nyansa minyae owia ase no nyinaa so. Eyi nso yɛ ahuhude.


Eyi nso ne Solomon mmebusɛm bi a Yuda hene Hesekia nnipa fa kyerɛwee.


Na obubuu mmɛ mpensa, na ne nnwom si apem ne anum.


Ɔba nyansafo tie agya nteɛso, na ɔfɛwdifo ntie ntwiwanim.


Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.


Teɛ wo ba so na wama woahome, na wama wo kra anika.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios