Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Me ba, tie w’agya akwankyerɛ, na mpo wo na nkyerɛkyerɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ na mpo wo na nkyerɛkyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Me ba, tie w’agya akwankyerɛ, na mpo wo na nkyerɛkyerɛ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara;

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 1:8
20 Referencias Cruzadas  

Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo gyigye wo a, mpene!


Me ba, wo ne wɔn nnnantew ɔkwan so. Twe wo nan fi wɔn sa so.


Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn,


Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.


Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so;


Aniwa a eyi n’agya ahii, na ebu ɛna tie animtiaa no, asubɔnten ho kwaakwaadabi betutu, na akɔre mma bedi.


Masa hene Lemuel nsɛm, ɔkasakyerɛ a ne na de teɛɛ no so.


Na mantie m’akyerɛkyerɛfo, na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfo!


Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene.


Me ba, di me nsɛm so, na fa me mmara nsɛm sie.


Na yɛatie yɛn agya Rekab ba Yonadab, nea ɔhyɛɛ yɛn no nyinaa mu, na yɛn nna nyinaa mu yɛnnom nsa, yɛn, yɛn yerenom, yɛn mmabanin ne yɛn mmabea;


Mo nyinaa nsuro mo nanom ne mo agyanom, na munni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na Yesu dan ne ho na ohuu no no, ɔkae sɛ: Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidi agye wo. Na efi dɔn no ara mu na ɔbea no ho yɛɛ no den.


na ɛma mekae wo gyidi a nkontompo nnim a kan ɛwɔ wo nena Lois ne wo na Eunike mu, na migye midi sɛ ɛwɔ wo nso mu no.


Na osian kɔɔ aporowee hɔ kɔyɛe sɛnea n’ase hyɛɛ no nyinaa.


Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hena na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya asɛm, efisɛ na AWURADE repɛ akum wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios