Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfa nnya atɛmpa:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho, na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho, na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfa nnya atɛmpa:

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 1:5
18 Referencias Cruzadas  

Na ɔrekasa akyerɛ no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: So wɔahyɛ wo ɔhene fotufo? Gyae! Ɛdɛn nti na wonkum wo? Na odiyifo no gyaee, na ɔkae sɛ: Mahu sɛ AWURADE abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, efisɛ woayɛ eyi, na woantie m’afotu no.


Enti mo a mowɔ ti, muntie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne, na Otumfo bedi amumɔyɛsɛm,


Na sɛ wowɔ nhumu a, tie eyi, yɛ aso ma me nsɛm.


Anyansafo, muntie me nsɛm, na mo, animdefo, monyɛ aso mma me.


Nnipa a wɔwɔ ti bɛka akyerɛ me, na ɔbarima nyansafo betie ama me,


Nea ɔdɔ nteɛso dɔ nimdeɛ, na nea ɔtan animka yɛ aboa.


Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa, na onnya, na nimdeɛ nyɛ nhumufo nyana.


Nhumufo koma nya nimdeɛ, na anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ akyi kwan.


Bɔ ɔfɛwdifo, na atetekwaa ani bɛtew, na ka nhumufo anim, na wahu nimdeɛ mu.


Ɔfɛwdifo akasadi mu, atetekwaa hu nyansa, na onyansafo yiyedi mu na onya nimdeɛ.


Muntie nteɛso na munhu nyansa, na monntew atua.


Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo; ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo.


Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa, ma ɔtreneeni nhu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu,


Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne mpofirim ade to wɔn nyinaa.


Me ne mo kasa sɛ animdefo. Mummu nea mise ho atɛn!


Enti munni so na monyɛ, efisɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhumu, aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafo ne nhumufo ne ɔman kɛse yi!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios