Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 5:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Enti ɔde wɔn bɛma akosi bere a ɔwofo bi bɛwo, na ne nuanom nkae bɛsan ne Israel mma nso aba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Enti ɔde wɔn bɛma akɔsi berɛ a ɔwofoɔ bi bɛwoɔ, na ne nuanom nkaeɛ bɛsane ne Israel mma nso aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti wobɛto Israelfo paahwii, kosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwo na ne nuanom mmarima nkae bɛsan akɔka Israelfo ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Enti ɔde wɔn bɛma akɔsi berɛ a ɔwofoɔ bi bɛwoɔ, na ne nuanom nkaeɛ bɛsane ne Israel mma nso aba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu, kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo na ne nuanom mmarima nkaeɛ bɛsane akɔka Israelfoɔ ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Enti ɔde wɔn bɛma akosi bere a ɔwofo bi bɛwo, na ne nuanom nkae bɛsan ne Israel mma nso aba.

Ver Capítulo Copiar




Mika 5:3
31 Referencias Cruzadas  

Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.


Na mɛma asiifo no ayɛ nkae, na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛse; na AWURADE bedi wɔn so hene Sion bepɔw so afi nnɛ de akosi daa.


Anka meyi wo mama sɛ dɛn, O! Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara, A! Israel! Anka meyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim! Me koma adan wɔ me mu, Yiw! Mmɔborohunu agye me yam nyinaa.


Na asase no bɛdan amamfo ɛsofo no nti, wɔn nneyɛe so aba no nti.


Ne saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa mede no makɔ sare so, na maka no abodwoesɛm


Ne saa nti mɛsan mabegye m’awi, ne bere mu, ne me nsa, ne bere mu, na mayi me guannwi ne m’asaawa a ɔde kataa n’adagyaw so no.


Na wɔn a ohuu wɔn siei no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan.


Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.


Na obiara, a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno ara ne me nuammarima ne onuabea ne ɛna.


Wo de, wubedidi na woremmee, na wo yam bɛda mpan na ɔkɔm ade wo ara; na wobɛtwe wo nnosoa, nanso woremma emfi mu sɔnn; na nea woma efi mu mpo, mede mɛma afoa;


Ɛbere no mu na mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Onyankopɔn, AWURADE asɛm ni, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.


Na monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo nuanom a wɔfom AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn, na ɔde wɔn yɛɛ ɔsɛe ade, sɛnea mo ara muhu yi.


Na Yeroboam bɔne a ɔyɛe na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, obegyaa Israel mu ama.


Montan bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kurow apon mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn, behu Yosef nkae no mmɔbɔ.


Na Yakob nkae no a amanaman bebree atwa ho ahyia no bɛyɛ sɛ obosu a efi AWURADE nkyɛn, sɛ nsu a ɛpete nhabamma so ɛnhwɛ nkurɔfo bi kwan na ɛntwɛn adasamma nso.


Na Yakob nkae no bɛyɛ sɛ gyata wɔ kwae mu mmoa mu amanaman bebree a atwa ahyia no mu, sɛ gyataforo wɔ nguankuw no mu sɛ ɔsen ba a otiatia so, na ɔtetew mu a ogyefo bi nni hɔ.


Onyankopɔn, aman beyi wo ayɛ, aman nyinaa beyi wo ayɛ.


ose: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuw so, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn so no asan aba; na mede wo mɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagye akodu asase ano.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den; na nea wadɔ srade ne nea ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn trenee mu.


Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo AWURADE ankasa na aka.


Na mɛhyɛ Yuda fi baninha, na magye Yosef fi nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ minsum wɔn mingui ɛ, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios