Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo AWURADE ankasa na aka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obiara biara renyi wɔn hu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE ankasa na waka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Obiara bɛtena ne bobe anaa ne borɔdɔma nnua ase, na obiara remmehunahuna wɔn, efisɛ, Asafo Awurade akasa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obiara biara renyi wɔn hu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE ankasa na waka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Obiara bɛtena ne bobe anaa ne borɔdɔma nnua ase, na obiara remmɛhunahuna wɔn, ɛfiri sɛ, Asafo Awurade akasa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo AWURADE ankasa na aka.

Ver Capítulo Copiar




Mika 4:4
25 Referencias Cruzadas  

Ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfo aba obobe ne borɔdɔma ase.


Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-seba, Solomon nna nyinaa.


na wɔbɛsoa wɔn ahohora ne wɔn bɔne a wɔyɛɛ me no nyinaa bere a wɔte wɔn asase so dwoodwoo na obi nni hɔ a oyi wɔn hu no,


na sɛ moampene na motew atua a, afoa bɛsɛe mo; na AWURADE ano na aka.


Trenee mu na w’ase betim; wo ne nhyɛso ntam bɛpan, na worensuro, na wo ne ahude nso ntam bɛpan, na ɛremmɛn wo.


Na wɔrenyɛ amanaman afow ade bio, na asase so mmoa rensɛe wɔn bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu.


ɛno na w’ani begye AWURADE ho, na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔmmea so, na mɛma woadi w’agya Yakob agyapade no, efisɛ AWURADE ano na aka.


Na AWURADE anuonyam beyi ne ho adi, na ɔhonam nyinaa abom ahu, efisɛ AWURADE ano na aka.


na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no so makotua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wonni ɔfasu, na wonni aponkɛse ne akyiri adaban,


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam, na matɔre mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena sare so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwae mu.


AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wosii wo nteɛso ano apini.


Na mɛma ɔmannwoe aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afi asase no so, na nkrante remfa mo asase so.


Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu, na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ dom.


Mmepɔw bɛsow asomdwoe ama ɔman, na nkoko nso de trenee aba.


Wɔagyaw Aroer nkurow, mmoakuw afa na wobutubutuw hɔ, na nea obetu wɔn nni hɔ.


Ɛda no, asafo AWURADE na ose, bofunnua a wɔde abɔ nea ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛn so no asɛe, efisɛ AWURADE na waka.


Munntie Hesekia! Na sɛ Asaria hene se ni: Mo ne me nni asomdwoesɛm, na mumfi mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bedi n’ankasa ne bobe ne n’ankasa ne borɔdɔma, na wanom n’abura mu nsu


Na wo de nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm ni, na mma wo bo nntu, Israel, na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri, na magye w’asefo afi wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsan aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obi renyi no hu.


Na hwɛ, mise merebesi ɔdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no mesi w’ananmu matena w’agua so no, ɔno na obesi ɔdan ama me din.


Nsuro mpofirim huyi ne abɔnefo sɛe a ɛbɛba.


na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ komm ne ahotoso akosi daa;


Na mesisi wɔn so ahwɛfo na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn koma rentu, na wɔn mu bi renka, AWURADE asɛm ni.


Enti ɔde wɔn bɛma akosi bere a ɔwofo bi bɛwo, na ne nuanom nkae bɛsan ne Israel mma nso aba.


Israel nkae no renyɛ mfomsode, na wɔrenka atosɛm, na wɔrenhu nsisi tɛkrɛma wɔn anom, na wɔn de, wɔbɛyɛn wɔn ho na wɔabutubutuw hɔ, na obi renyi wɔn hu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios