Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 na mo na moadi me man nam, na moaworɔw wɔn were afi wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kutu mu ade, ne ɔsɛn mu nam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na mo na moadi me man nam, na moaworɔ wɔn wedeɛ afiri wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ, ne ɛsɛn mu nam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 mowe me nkurɔfo nam, mowae wɔn were, bubu wɔn nnompe mu nketenkete; mutwitwa wɔn sɛ nam a mode regu kutu mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na mo na moadi me man nam, na moaworɔ wɔn wedeɛ afiri wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ, ne ɛsɛn mu nam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 mowe me nkurɔfoɔ nam, mowae wɔn wedeɛ, bubu wɔn nnompe mu nketenkete; motwitwa wɔn sɛ ɛnam a mode regu kwansɛn mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na mo na moadi me man nam, na moaworɔw wɔn were afi wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kutu mu ade, ne ɔsɛn mu nam.

Ver Capítulo Copiar




Mika 3:3
11 Referencias Cruzadas  

Enti omumɔyɛfo biara nni nimdeɛ, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔnsɔre AWURADE?


wose: Bere a wɔde sisi adan nnui; kurow yi ne dadesɛn no, na yɛne nam no.


Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufo nso yɛ anadwofa mpataku, wonnyaw biribi nkosi anɔpa.


Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so na wɔtan me, sɛ wɔretoa me abɛsunsuane me a, wɔawatiwatiriw na wɔahwehwe ase.


AWURADE reba abebu ne man mpanyimfo ne n’asafohene atɛn, efisɛ mo na moadi bobeturo no, ɔbrɛfo asade wɔ mo afi;


Fa ne nankum nso gu mu, nankum a eye nyinaa, ɔsrɛ ne basa, nnompe a eye nyinaa na fa hyɛ mu ma;


Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfo, na muyi wɔn a wotwam dwoodwoo a wɔmpɛ ɔko no ho ntade so nguguso.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrante, na wɔn nnyepi yɛ asekan a wɔde we abrɛfo fi asase so, ne ahiafo fi nnipa mu.


mokyerɛ dɛn sɛ mopɛtɛw me man, na modwɛre abrɛfo anim? AWURADE, asafo AWURADE, asɛm ni.


Muntie eyi, mo a mugye ahiafo amene wɔn, na moresɛe asase no so amanehunufo,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios