Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na mise: Muntie ɛ, Yakob atitiriw ne Israel fi akannifo, so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei mekae se, “Muntie, mo Yakob akannifo, mo a mudi Israelfi so. Ɛsɛ sɛ muhu nea ɛyɛ atɛntrenee,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei mekaa sɛ, “Montie, mo Yakob ntuanofoɔ, mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie. Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ atɛntenenee,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na mise: Muntie ɛ, Yakob atitiriw ne Israel fi akannifo, so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu?

Ver Capítulo Copiar




Mika 3:1
21 Referencias Cruzadas  

Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hamee, na misee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredi de kum homeda ho yi?


Enti omumɔyɛfo biara nni nimdeɛ, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔnsɔre AWURADE?


Muntie AWURADE asɛm, Sodom atitiriw, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn kyerɛkyerɛ Gomorafo.


sɛ wɔbɛdan ahiafo afi atɛntrenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfo atemmu, na akunafo adan wɔn asade, na wɔafom nyisaa.


Hwɛ, Israel abirempɔn no wɔ wo mu, wɔn mu biara sɛnea ne tumi te, sɛ wobehwie mogya agu,


Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nguanhwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, Israel nguanhwɛfo a wɔyɛn wɔn ho no; so ɛnyɛ nguan na nguanhwɛfo yɛn wɔn?


Mudi srade no, na mufura nguan no ho nwi; nea wadɔ no, mukum no; na nguankuw no de, monyɛn wɔn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fi amumɔyɛ so kɛse pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na asɛm anidan ayɛ kurow no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agyaw asase no, na AWURADE nhu.


Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so;


Muntie asɛm yi, Basan anantwibere a mowɔ Samaria bepɔw so, mo a mumia abrɛfo na mohyɛ ahiafo so, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Wonnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔw so, wɔn a wɔdɛnsow amanaman mu adikanfo mu, wɔn a Israel fi kɔ wɔn nkyɛn no.


Otwafo di wɔn anim reforo aba; wɔbɔ kirididi sen fa kurow pon mu, na wɔfa mu fi adi bio; na wɔn hene sen di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.


Meka eyi mehyɛ mo aniwu. Onyansafo biako po nni mo mu a obetumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa?


Sisi wo so atemmufo ne mpanyimfo, wo nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ wo mmusuakuw te no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntrenee mmu ɔman no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios