Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 na wɔn ani bere mfuw, na wogye, ne afi, na wɔfofa kɔ, na wɔhyɛ ofiwura ne ne fi so ne onipa ne n’agyapade so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 na wɔn ani bere mfuo, na wɔgye, ne afie, na wɔfefa, na wɔsi ɔbarima ne ne fie ne onipa ne n’agyapadeɛ apempem.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔn ani bere mfuw, na wogye. Na afi nso wɔfa. Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi, na wɔn agyapade nso wogye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 na wɔn ani bere mfuo, na wɔgye, ne afie, na wɔfefa, na wɔsi ɔbarima ne ne fie ne onipa ne n’agyapadeɛ apempem.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔn ani bere mfuo na wɔgye. Na afie nso wɔfa. Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie, na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na wɔn ani bere mfuw, na wogye, ne afi, na wɔfofa kɔ, na wɔhyɛ ofiwura ne ne fi so ne onipa ne n’agyapade so.

Ver Capítulo Copiar




Mika 2:2
28 Referencias Cruzadas  

Na nsɛm yi akyi no, na Yesreelni Nabot wɔ bobeturo bi Yesreel a ɛwɔ Samaria hene Ahab ahemfi ho.


Ampa ara, mihuu Nabot mogya ne ne mma mogya nnɛra! AWURADE na ose: Na metua wo ɛso ka, asase yi so, AWURADE na ose. Na afei ma no so tow no kyene asase yi so, sɛ AWURADE asɛm no te no.


Sɛ m’asase teɛm hyɛ me, na n’akofi de nne koro su,


Mma w'ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w'ani mmmere wo yɔnko yere anaa n'akoa anaa n'afenaa anaa ne nantwi anaa n'afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


AWURADE reba abebu ne man mpanyimfo ne n’asafohene atɛn, efisɛ mo na moadi bobeturo no, ɔbrɛfo asade wɔ mo afi;


Wonnue, wɔn a wɔde ɔdan toa ɔdan so, wɔn a wɔde afuw ka afuw ho, kosi sɛ ɔkwan bi nni hɔ bio, na mo nko motena asase no so.


Nanso w’aniwa ne wo koma nni hwee so sɛ wo mfaso so, ne mogya a edi bem so sɛ engu fam, ne amim ne nhyɛso so sɛ wobɛyɛ.


na ɔhyɛ ɔbrɛfo ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempenside nso ɔnnan mma, na ɔma n’ani so hwɛ ahoni huhuw yɛ akyiwade,


Wo mu na wogyigye anadwode, sɛ wobehwie mogya agu; wugyigye mfɛntom ne nsiho, na wode apempensi fa wo yɔnko so, na me de, wo werɛ afi me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na hwɛ, mebɔ me nsam, wo pɛpɛe a woyɛ ne wo mogya a ɛwɔ wo mu no ho.


Mugyinagyina mo nkrante so, moyɛ akyide, na obi gu ne yɔnko yere ho fi, na mobɛfa asase no adi so anaa?


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Momma ɛnnɔɔ mo so, Israel abirempɔn, munyi amimdi ne nhyɛso, na monyɛ atemmude ne atreneede, munyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsaase fi me nkurɔfo nsam, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Nanso ɔberɛmpɔn no mmfa ɔmanfo no agyapade bi mmpam wɔn mmfi wɔn kyɛfa mu; n’ankasa ne kyɛfa no bi na ɔmfa mma ne mma na wonni, nea ɛbɛyɛ na wɔampansam me man mu biara amfi wɔn agyapade so.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahu? So ɛyɛ hare ma Yuda fi sɛ wɔyɛ akyide a wɔyɛ ɛha yi, sɛ wɔde atirimɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasan abehuru me bo? Na hwɛ, wɔde dubaa no ka wɔn hwene.


Wɔn kɔn dɔ abrɛfo atifi dɔte mpo, na wɔkyea amanehunufo kwan, na obi ne n’agya kɔ ababaa koro ho, sɛ wɔde rehura me din kronkron ho,


Muntie asɛm yi, Basan anantwibere a mowɔ Samaria bepɔw so, mo a mumia abrɛfo na mohyɛ ahiafo so, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Muntie eyi, mo a mugye ahiafo amene wɔn, na moresɛe asase no so amanehunufo,


Muntie eyi ɛ, Yakob fi atitiriw ne Israel fi akannifo, mo a mukyi atemmu na mokyea nea ɛteɛ nyinaa,


Nhyɛso ayɛ emu adefo amaama na emufo ka atosɛm na wɔn tɛkrɛma yɛ nnaadaa wɔn anom.


Na mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafowayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, okunafo ne ayisaa amim, na wosisi ɔhɔho, na wonsuro me no, asafo Awurade na ose.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyi yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios