Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ; anɔpa hann mu wɔyɛ, ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no, efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ; anɔpa hann mu wɔyɛ, ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

Ver Capítulo Copiar




Mika 2:1
40 Referencias Cruzadas  

Mewɔ tumi sɛ anka me ne mo di no bɔne; nanso nnɛra anadwo no, mo agya me Nyankopɔn kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ yiye, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.


Ɛnna ne yere Yesebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wudi Israel so hene? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam na mede Yesreelni Nabot bobeturo no mɛma wo.


Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman biako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete na wɔatew wɔn ho afi amanaman mu, w’ahenni nsase nyinaa so, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa de, na ɔhene mmara no, wonni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.


Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tenten si basafa aduonum anum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛn Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ ɔpon no ho anigye mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔma wɔyɛɛ dua no.


na Ester baa ɔhene anim no, ɔkae nhoma no mu, sɛ n’adwemmɔne a odwen Yudafo no ho no nsan mmebua n’atifi na wɔnsɛn no ne ne mma dua no so.


Wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu, na wɔn yafunu siesie nnaadaa.


Ahema na owudifo sɔre, okum ɔmanehunufo ne hiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifo.


Odwen amumɔyɛde ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a enye so; bɔne de, onkyi.


AWURADE, w’adɔe kodu soro, na wo nokware kodu wim tɔnn.


Abɔnefo bɔ ko fi yafunum, wofi wɔn na yam fom kwan di atoro.


Onipa pa nya AWURADE anim anisɔ, na onipa busuyɛfo de, obu no fɔ.


So wɔn a wɔbɔre asɛmmɔne mfom anaa? Na ɔdom ne nokware wɔ wɔn a wɔbɔre asɛmpa.


Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.


Na wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wontumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;


na otirimmɔdenfo nni hɔ bio na ahiiyifo asa, na wɔatwa wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm nyinaa akyene,


AWURADE reba abebu ne man mpanyimfo ne n’asafohene atɛn, efisɛ mo na moadi bobeturo no, ɔbrɛfo asade wɔ mo afi;


Na ɔdaadaafo akwan yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔw bɔne, sɛ ɔde atosɛm bɛsɛe mmɔboroni ne ohiani a ɔka nokware.


Wonnue, wɔn a wɔde ɔdan toa ɔdan so, wɔn a wɔde afuw ka afuw ho, kosi sɛ ɔkwan bi nni hɔ bio, na mo nko motena asase no so.


Na mogya akeka mo nsam, na amumɔyɛ agu mo nsatea ho fi; mo ano keka atosɛm, mo tɛkrɛma woro nkontompo.


Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, eyinom ne mmarima a wodwen abususɛm na wotu fo bɔne, kurow yi mu;


Mugyinagyina mo nkrante so, moyɛ akyide, na obi gu ne yɔnko yere ho fi, na mobɛfa asase no adi so anaa?


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre wo komam na woadwen adwemmɔne,


Nanso ɔberɛmpɔn no mmfa ɔmanfo no agyapade bi mmpam wɔn mmfi wɔn kyɛfa mu; n’ankasa ne kyɛfa no bi na ɔmfa mma ne mma na wonni, nea ɛbɛyɛ na wɔampansam me man mu biara amfi wɔn agyapade so.


Nhyɛso ayɛ emu adefo amaama na emufo ka atosɛm na wɔn tɛkrɛma yɛ nnaadaa wɔn anom.


Wo Niniwe, wo mu na nea odwen AWURADE ho bɔne, nea otuu agyina huhuw no fi.


na monnhyɛ okunafo ne ayisaa, ɔhɔho ne ɔmanehunufo so, na obiara nnnwen ne nua ho bɔne ne komam.


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne baguafo no nyinaa kɔɔ agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔe kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Na Akyerɛwfo ne asɔfo mpanyin no hwehwɛe sɛ wɔde wɔn nsa koso no mu akyere no dɔn no ara mu, nanso wosuroo ɔman no; efisɛ wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn.


Yesu buae sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara; eyi nti nea oyii me maa wo no na ne bɔne so.


Na ade kyee no, Yudafo no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.


Enti afei mo ne baguafo nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛnea morebebisa ne ho asɛm no mu yiye; na yɛn de, ansa na obedu ha no, yebekum no.


nsekubɔfo, Onyame atamfo, anuɔdenfo, ahantanfo, ahohoahoafo, nnebɔne farebaefo, awofo asɛm ho asoɔdenfo,


Wɔde wo mmammarima ne wo mmabea bɛma ɔman bi, na w’aniwa bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’aniwa atɔ dwen daa adesae, efisɛ tumi bi nni wo nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios