Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Eyi nti mesu na matwa adwo, mɛnantew a mpaboa nni mu, akɔ no adagyaw mu, metue osu sɛ sakraman, na madi nkɔmmɔ sɛ sohori.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Yei nti mɛsu na matwa adwo, mɛnante kwaterekwa ne adagya mu, mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman, na madi abooboo sɛ sohori.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Eyinom nti mesu atwa agyaadwo; mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa. Mɛworo so sɛ odompo na masu sɛ patu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Yei nti mɛsu na matwa adwo, mɛnante kwaterekwa ne adagya mu, mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman, na madi abooboo sɛ sohori.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ; mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa. Mɛpɔ so sɛ odompo na masu sɛ ɔpatuo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Eyi nti mesu na matwa adwo, mɛnantew a mpaboa nni mu, akɔ no adagyaw mu, metue osu sɛ sakraman, na madi nkɔmmɔ sɛ sohori.

Ver Capítulo Copiar




Mika 1:8
19 Referencias Cruzadas  

Enti na mise: Munyi mo ani mfi me so na minsu osu yawyaw. Monnhaw mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ, me man babea no sɛe ho.


Na wɔte osu nka fi Sion: Yɛasɛe dɛn ara! Yɛn ani awu pii, efisɛ yɛagyaw asase no, na wɔasunsum yɛn tenabea agu.


Mmepɔw no nti mitue osu ne nkɔmmɔdi, na sare so adidibea no nti meto osu dwom, efisɛ ahyew na obi mfa hɔ, na wɔnte mmoakuw nne bio; wim nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ.


O Sɛ me ti yɛ nsu na m’aniwa yɛ nusu abura ɛ! Anka mesu me man mu ahiafo atɔfo no awia ne anadwo.


Me yam hyehye me! Me yam hyehye me! Mete me koma mu yaw! Me koma pere me patripatri, mintumi mimmua m’ano, efisɛ mete torobɛntohyɛn, ɔko ne osebɔ ho nsɛkyerɛnne.


Enti m’asen mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɔkyem aka me sɛ ɔbea ɔwofo kyem; yaw a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyeraw me nti, minhu ade,


Enti mede Yaser su misu Sibma bobe no, mede nusu migu wo so, Hesbon ne Eleale, na wo nnuaba ne w’abatew so na ɔko nteɛteɛm aba;


na sare so mmoa a wɔyɛ keka na wɔbɛdeda hɔ, na mpatu bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtena hɔ, na sasabonsam asaw hɔnom;


Mete sɛ sare so pokupoku, mayɛ sɛ amamfo so patu.


Madan sare so akraman nua, ne sohoribere adamfo.


Na ɔno nso worɔw ne ntade, na ɔno nso hyɛɛ nkɔm Samuel anim, na ɔde adagyaw daa hɔ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa. Enti na wɔka sɛ: So Saul nso fra adiyifo no mu anaa?


na nkuntumpaa besu n’aban mu, ne sakraman nso, anigye aban no mu. Na ne bere abɛn a ɛreyɛ aba, na ne nna renkyɛ bio.


Mo mmabaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho mpopo, mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyeyɛ kwaterekwa, momfa atweaatam mmobɔ mo asen.


Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo, na ma wɔne amanaman atumfo mmabea nsian nkɔ famfam asase so nka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho.


Ɛda no wɔbebu mo ho bɛ na wɔatwa kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakra no; wagye afi me nsam; otuatewfo na ɔkyɛ yɛn mfuw mu ma no.


Na ɔhene Hesekia afe a ɛto so dunan mu na Asaria hene Senakerib tu baa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae.


Na Mordekai huu nea aba no nyinaa no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitam ne nso kataa ne ho; na ofii adi kɔɔ kurow no mfinimfini, na osuu osu dennen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios