Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mika 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Efi Yakob mmarato ne Israel fi nnebɔne nti na eyi nyinaa ba, Dɛn ne Yakob mmarato? So ɛnyɛ Samaria? Na dɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? So ɛnyɛ Yerusalem?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti. Yakob nnebɔne ne dɛn? Ɛnyɛ Samaria ana? Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem ana?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti. Yakob nnebɔne ne sɛn? Ɛnyɛ Samaria anaa? Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Efi Yakob mmarato ne Israel fi nnebɔne nti na eyi nyinaa ba, Dɛn ne Yakob mmarato? So ɛnyɛ Samaria? Na dɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? So ɛnyɛ Yerusalem?

Ver Capítulo Copiar




Mika 1:5
30 Referencias Cruzadas  

Ɛno mu na Solomon sii sorɔnsorɔmmea maa Moabfo Kemos a ɛyɛ akyide bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei no so, ne Amonfo Molek a ɛyɛ akyide;


Na asɛm a ɔnam AWURADE asɛm so teɛɛm hyɛɛ afɔremuka a ɛwɔ Betel no ne sorɔnsorɔmmea afi a ɛwɔ Samaria nkurow mu no nyinaa, ɛbɛba mu ampa.


Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔw, Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛse abien, na ɔkyekyee bepɔw no so kurow, na ɔde bepɔw no wura Semer din too kurow a ɔkyekyee no din Samaria.


Na n’ahenni afe a ɛto so awotwe so a ɔda so yɛ abofra no, ofii ase hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛto so dumien so no, ofii ase tew Yuda ne Yerusalem ho fii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne osen ahoni ne gu ahoni no ho.


Na woburuw Baalim afɔremuka no n’anim, na owia adum a esisi so no, otwitwa gui, na Asera nnua ne osen ahoni ne gu ahoni no, obubui na osiwii, na ɔtow petee wɔn a wɔbɔɔ afɔre maa wɔn no adamoa so.


Na Efraim ti ne Samaria, na Samaria ti ne Remalia ba no. Sɛ moannyina mo gyidi mu yiye a, mobɛhwe ase koraa.


So ɛnyɛ ɛno na ɛyɛɛ wo saa, sɛ wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, bere a ɔde wo nam ɔkwan no so?


Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsanakyiri atwiw w’anim, na hu na hwɛ ogyaw a wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wunni no mu bɔne ne awerɛhow, AWURADE, asafo AWURADE asɛm ni.


Na Samaria adiyifo no mu, mahu nkwaseasɛm, wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de maa me man Israel fomee.


Na Yerusalem adiyifo no mu nso, mahu ahodwiriwde a ɛyɛ hu, awaresɛe ne atoro mu nantew, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfo nsa den, nea ɛbɛyɛ na obiara ansan amfi ne bɔne mu; wɔn nyinaa adan me sɛ Sodom, na emufo ayɛ sɛ Gomora.


W’akwan ne wo nsɛnnii na ama eyinom aba wo so, eyi ne w’atemmu, na ɛyɛ nwene; edu wo koma ho pɛɛ.


Mo amumɔyɛ na ama eyinom adan, na mo bɔne na ama adepa abɔ mo.


Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi so, wɔn nneyɛe so aba no, efisɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso wɔapa.


Yɛn abotiri ayi atɔ fam; yɛn ara yennue, na yɛayɛ bɔne.


Na wo nuabea panyin ne Samaria, ɔno ne ne mmabea a wɔte wo benkum so no, na wo nuabea kumaa a ɔte wo nifa so ne Sodom ne ne mmabea.


Meresa Israel yare yi, na Efraim amumɔyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; wodi atoro, na owifo bubu ba mu, akwamukafo asafo nso fow mmorɔn so.


Wonnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔw so, wɔn a wɔdɛnsow amanaman mu adikanfo mu, wɔn a Israel fi kɔ wɔn nkyɛn no.


Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdannan afoafo, na Israel kronkrommea no ayɛ agowagow, na mede afoa mɛsɔre mahyɛ Yeroboam fi.


wɔn a wɔkeka Samaria asodi ntam, na wose: Sɛ wo, Dan, wo nyame te ase yi! Ne sɛ Beer-seba kwan te ase yi no, wɔn de, wɔbɛtotɔ na wɔrensɔre bio.


Lakisfo, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefo; ɛyɛ Sion babea bɔne mfiase, sɛ mo mu na wohuu Israel mmaratode no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios