Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 9:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Na Yesu duu ɔpanyin no fi na ohuu atɛntɛbɛnhyɛnfo ne nkurɔfokuw a wɔreyɛ gyegyeegye no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na Yesu duruu ɔpanin no fie na ɔhunuu atɛntɛbɛnhyɛnfoɔ ne nkurɔfokuo a wɔreyɛ gyegyeegye no,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu duu ɔpanyin no fi hɔ a ohuu sɛ nkurɔfo no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na Yesu duruu ɔpanin no fie na ɔhunuu atɛntɛbɛnhyɛnfoɔ ne nkurɔfokuo a wɔreyɛ gyegyeegye no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu duruu ɔpanin no fie hɔ a ɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na Yesu duu ɔpanyin no fi na ohuu atɛntɛbɛnhyɛnfo ne nkurɔfokuw a wɔreyɛ gyegyeegye no,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 9:23
12 Referencias Cruzadas  

Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofo mmarima ne mmea nyinaa bɔɔ Yosia din wɔ mu de besi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛde Israel mu, na hwɛ, wɔakyerɛw kwadwom no mu.


Na Petro sɔre ne wɔn kɔe. Na oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe.


Wɔte sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yɛatwa agyaadwo, na moansu.


Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yɛatwa agyaadwo ama mo, na mo werɛ anhow.


Na nnipa akɛse ne nkumaa bewuwu asase yi so; wɔrensie wɔn na wɔrenyɛ wɔn ayi, na obi remmɔ ne ho akam, obi remmɔ tikwaw mma wɔn,


Gu ahome komm, nni owufo ho nkɔmmɔ, fa w’abotiri bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ w’anan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduan.


Na Paulo sian kobutuw no so, na ɔyɛɛ no atuu kae sɛ: Monnhaw mo ho, na nkwa da so wɔ ne mu.


Na wɔrente asankubɔfo ne nnwontofo ne mmɛnhyɛnfo ne ntorobɛntohyɛnfo nne wo mu bio, na wɔrenhu adwinni bi mu dwumfo biara wo mu bio, na wɔrente wiyammo biara nka wo mu bio,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios